1 Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a,
2 Sɛ woyɛ adidibrada a,
3 Nni nʼaduan akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi,
4 Mmiri wo mogya ani mpɛ sika;
5 Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera,
6 Nni obi a ɔyɛ pɛpɛe aduan,
7 efisɛ ɔyɛ obi a
8 Kakra a woadi no wobɛfe,
9 Nkasa nkyerɛ ɔkwasea,
10 Ntutu tete abo a wɔde ato hye ngu,
11 efisɛ wɔn Gyefo yɛ den,
12 Ma wo koma mmra nkyerɛkyerɛ so,
13 Ntwentwɛn abofra nteɛso so;
14 Fa abaa twe nʼaso
15 Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a,
16 sɛ wʼano ka nea ɛteɛ a
17 Mma wʼani mmere abɔnefo,
18 Ampa ara anidaso wɔ hɔ ma wo daakye,
19 Me ba, tie, na hu nyansa,
20 Mfa wo ho mmɔ akɔwensafo
21 efisɛ, akɔwensafo ne adidibradafo bɛyɛ ahiafo,
22 Tie wʼagya a ɔwoo wo no,
23 Tɔ nokware na ntɔn da;
24 Ɔtreneeni agya wɔ anigye bebree;
25 Ma wʼagya ne wo na ani nnye;
26 Me ba, fa wo koma ma me
27 na oguamanfo yɛ amoa donkudonku
28 Ɔtɛw, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafo,
29 Hena na wɔadome no? Hena na odi awerɛhow?
30 Wɔn a wɔkyɛ nsa ho,
31 Nhwɛ nsa ani kɔkɔɔ no haa,
32 Awiei no, ɛka te sɛ ɔwɔ
33 Wʼani behu nneɛma a wunhuu da,
34 Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a,
35 Na wobɛka se, “Wɔbɔ me, nanso mimpira.