1 Koma mu nhyehyɛe yɛ onipa de,
2 Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronkron,
3 Fa nea woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,
4 Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botae,
5 Awurade kyi koma mu ahantanfo nyinaa.
6 Wɔnam ɔdɔ ne nokware so pata bɔne;
7 Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a,
8 Kakraa bi a wɔnam trenee kwan so nya no ye
9 Onipa yɛ ne nhyehyɛe wɔ ne koma mu,
10 Ɔhene anom kasa te sɛ nkɔmhyɛ,
11 Nsania ne abrammo a asisi nni mu fi Awurade;
12 Ahemfo kyi bɔneyɛ,
13 Ahemfo ani sɔ ano a ɛka nokware;
14 Ɔhene abufuwhyew yɛ owu somafo,
15 Sɛ ɔhene anim tew a, ɛyɛ nkwa,
16 Eye sɛ wubenya nyansa sen sɛ wubenya sikakɔkɔɔ,
17 Ɔtreneeni tempɔn kwati bɔne;
18 Ahantan di ɔsɛe anim,
19 Eye sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu
20 Nea ɔyɛ osetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔso;
21 Wɔfrɛ koma mu anyansafo se nhumufo,
22 Ntease yɛ nkwa asuti ma wɔn a wɔwɔ bi,
23 Onyansafo koma kyerɛ nʼano kwan,
24 Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm;
25 Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛteɛ wɔ onipa ani so,
26 Apaafo akɔnnɔ ma wɔyɛ adwumaden;
27 Ohuhuni bɔ pɔw bɔne,
28 Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba,
29 Kitikitiyɛni daadaa ne yɔnko,
30 Nea obu nʼani no redwene bɔneyɛ ho;
31 Dwen yɛ anuonyam abotiri;
32 Nea ɔwɔ abodwokyɛre no ye sen ɔkofo,
33 Wɔbɔ ntonto de hwehwɛ nea Awurade pɛ,