1 Me honhom atɔ beraw,
2 Ampa ara fɛwdifo atwa me ho ahyia;
3 “Ao Onyankopɔn, hyɛ me bɔ a wuhia.
4 Wɔato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase;
5 Sɛ obi sopa ne nnamfonom de gye akatua a,
6 “Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano,
7 Awerɛhow ama mʼani ayɛ siamoo
8 Ɛyɛ atreneefo nwonwa;
9 Nanso atreneefo bɛkɔ wɔn anim,
10 “Mo nyinaa monsan mmra mmɛsɔ nhwɛ!
11 Me nna atwa mu, me nhyehyɛe apansam.
12 ma anadwo dan awia;
13 Sɛ ofi a mʼani da so nkutoo ne ɔda,
14 sɛ meka kyerɛ porɔwee se, ‘Wo yɛ mʼagya,’
15 na afei mʼanidaso wɔ he?
16 Ebesian akɔ owu pon ano ana?