1 Na Suhini Bildad buae se,
2 “Bere bɛn na wubegyae kasa tenten yi?
3 Adɛn nti na wofa yɛn sɛ anantwi
4 Wo a wode abufuw tetew wo mu nketenkete,
5 “Omumɔyɛfo kanea adum;
6 Hann a ɛwɔ ne ntamadan mu duru sum;
7 Nʼanammɔntu mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase;
8 Nʼanammɔn de no kɔ afiri mu,
9 Afiri so ne nantin
10 Wɔasum no afiri ahintaw wɔ fam;
11 Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa
12 Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no;
13 Ɛwewe ne honam ani baabi;
14 Wɔtwe no fi ne ntamadan bammɔ mu
15 Ogya te ne ntamadan mu;
16 Ne ntin wuwu wɔ ase
17 Wɔnnkae no asase so bio;
18 Wɔka no fi hann mu kɔ sum mu
19 Onni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfo mu,
20 Nnipa a wofi atɔe fam ho adwiriw wɔn wɔ nea ato no no ho;
21 Ampa ara, sɛɛ na omumɔyɛfo atenae te;