1 Afei Hiob buae se,
2 “Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ eyinom;
3 So mo kasa tenten no remma awiei ana?
4 Anka me nso metumi akasa sɛ mo,
5 Nanso anka mɛhyɛ mo den;
6 “Nanso sɛ mekasa a ɔyaw a mete no remmrɛ ase;
7 Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ
8 Woakyekyere me, ama abɛyɛ adansedi;
9 Onyankopɔn tow hyɛ me so tetew me wɔ nʼabufuw mu
10 Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;
11 Onyankopɔn de me ama abɔnefo
12 Na biribiara kɔ yiye ma me, nanso ɔdwerɛw me;
13 nʼagyantowfo atwa me ho ahyia,
14 Ɔba me so bere biara;
15 “Mapam atweaatam akata me were so
16 Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ;
17 nanso me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara
18 “Asase, nkata me mogya so;
19 Mprempren mpo, me danseni wɔ ɔsoro;
20 Me dimafo yɛ mʼadamfo
21 ogyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn anim
22 “Mfe kakraa bi akyi