1 Na Temanni Elifas buae se,
2 “Enti onyansafo de nsɛm a aba biara nni mu beyi nʼano
3 Ɔde nsɛm huhuw begye akyinnye,
4 Wototo onyamesuro ase mmom
5 Wo bɔne kyerɛ wʼano nea ɔnka;
6 Wʼankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me de;
7 “Wone onipa a wɔwoo wo dii kan ana?
8 Wutie Onyankopɔn afotu ana?
9 Dɛn na wunim a, yennim?
10 Nea wafuw dwen ne akwakoraa wɔ yɛn afa
11 Onyankopɔn awerɛkyekye
12 Adɛn nti na wo koma atwe wo akɔ
13 na woadan wʼabufuw agu Onyankopɔn so
14 “Ɔdesani ne hena a obetumi ayɛ pɛ,
15 Onyankopɔn nni ahotoso wɔ nʼakronkronfo mu
16 na me ne onipa debɔneyɛfo ne omumɔyɛfo a
17 “Tie me, na mɛkyerɛ wo mu;
18 nea anyansafo apae mu aka,
19 (wɔn nko ara na wɔde asase no maa wɔn
20 Omumɔyɛfo kɔ ahohia mu, ne nkwanna nyinaa,
21 Nnyigyei a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma;
22 Ɔpa abaw sɛ obeguan afi sum mu;
23 Okyinkyin hwehwɛ aduan;
24 Ɔhaw ne ahoyeraw yi no hu;
25 efisɛ ɔteɛteɛ ne nsa kyerɛ Onyankopɔn
26 wɔde nkatabo a mu piw na ɛyɛ den
27 “Ɛwɔ mu sɛ srade ama nʼafono atotɔ
28 nanso ɔbɛtena nkurow a agu so
29 Ɔrenkɔ so nyɛ ɔdefo bio, na nʼahonya rennyina,
30 Ɔrenguan sum no;
31 Ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho to nneɛma huhuw so de daadaa ne ho,
32 Ansa na ne da bedu no, wobetua no ka a bi nka,
33 Ɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔaporow so aba a ennyin ɛ,
34 Na abɔnefo fekuw a wonnim Onyankopɔn no rensow aba,
35 Wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne;