1 “Nnipa a ɔbea awo wɔn
2 Ɔfefɛw te sɛ nhwiren na etwintwam;
3 Woma wʼani kɔ saa onipa yi so?
4 Hena na obetumi ayi nea ɛyɛ kronkron afi fi mu?
5 Woahyehyɛ onipa nkwa nna;
6 Enti yi wʼani fi ne so na ɔnyɛ nea ɔpɛ,
7 “Dua mpo anidaso wɔ hɔ ma no:
8 Ne ntin betumi anyin akyɛ asase mu
9 nanso, onya nsu a ɛfefɛw,
10 Nanso sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam;
11 Sɛnea nsu tu yera wɔ po mu no,
12 saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio;
13 “Sɛ anka wode me besie ɔda mu
14 Sɛ onipa wu a ɔbɛba nkwa mu bio ana?
15 Wobɛfrɛ na megye wo so;
16 Afei wobɛkan mʼanammɔntu
17 Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotoku mu,
18 “Nanso sɛnea mmepɔw so hohoro na ɛpompono
19 sɛnea nsu yiyi abo ho
20 Wutintim ne so prɛko pɛ, na otwa mu kɔ;
21 Sɛ wɔhyɛ ne mmabarima anuonyam a, onnim;
22 Ɔno ara were mu yaw na ɔtee