1 “Mʼani ahu eyinom nyinaa,
2 Nea wunim no, me nso minim;
3 Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfo no
4 Mode atoro mmom na asra me ho;
5 Sɛ mobɛyɛ komm koraa a
6 Afei muntie mʼano asɛm;
7 Mobɛka amumɔyɛsɛm ama Onyankopɔn ana?
8 Mobɛkyea mo aso ama no?
9 Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi mo yiye ana?
10 Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kokoa mu a,
11 Nʼanuonyam mmɔ mo hu ana?
12 Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbu a ɛte sɛ nsõ;
13 “Monyɛ komm mma menkasa;
14 Adɛn nti na mede me ho to amane mu
15 Ɛwɔ mu sɛ okum me de, nanso ne so na mʼani bɛda;
16 Nokware, eyi na ɛbɛyɛ me nkwagye,
17 Muntie me nsɛm yi yiye;
18 Afei a masiesie me nkurobɔ yi,
19 Obi betumi abɔ me kwaadu ana?
20 “Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma abien yi pɛ ma me,
21 Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri,
22 Ɛno de, samena me na mɛba,
23 Mfomso ne bɔne dodow ahe na mayɛ?
24 Adɛn nti na wode wʼanim asie me
25 Wobɛyɛ ahaban a mframa rebɔ no ayayade ana?
26 Wokyerɛw sobo a ɛyɛ yaw tia me,
27 Wode nkyehama gu mʼanan;
28 “Enti onipa nkwa sa te sɛ ade a aporɔw,