1 Ao Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate;
2 Wode wo nsa pamoo amanaman no
3 Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no,
4 Woyɛ me Ɔhene ne me Onyankopɔn,
5 Ɛnam wo so na yɛpamoo yɛn Atamfoɔ;
6 Meremfa me ho nto mʼagyan so
7 na wo na woma yɛdi yɛn atamfoɔ so.
8 Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa
9 Nanso seesei woapo yɛn abrɛ yɛn ase;
10 Woma yɛdwane firii ɛdɔm anim
11 Woyii yɛn maa sɛ wɔnkum yɛn sɛ nnwan
12 Wotɔn wo nkurɔfoɔ fofoofo,
13 Woayɛ yɛn ahohoradeɛ ama yɛn afipamfoɔ,
14 Woayɛ yɛn akasabɛbuo wɔ aman no mu
15 Mʼanimguaseɛ di mʼanim daa,
16 ɛsiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi,
17 Yeinom nyinaa too yɛn deɛ,
18 Yɛn akoma ntwe mfirii wo ho;
19 Nanso wodwerɛɛ yɛn yɛɛ yɛn sakraman tuo
20 Sɛ na yɛn werɛ afiri yɛn Onyankopɔn din
21 anka Onyankopɔn bɛhunu,
22 Nanso, wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa;
23 Nyane, Ao Awurade! Adɛn enti na wada?
24 Adɛn enti na wode wʼanim ahinta
25 Wɔabrɛ yɛn ase kɔ dɔteɛ mu
26 Sɔre bɛboa yɛn;