1 Me kra, kamfo Awurade!
2 Ɔde hann akata ne ho sɛ atade;
3 na ɔde ne mpia mu mpuran sisi nsu so.
4 Ɔsoma nʼabɔfo sɛ mframa,
5 Ɔde asase asi ne fapem so
6 Wode bun kataa so sɛ atade
7 Nanso wʼanimka maa nsu no guanee,
8 Wɔsen faa mmepɔw so,
9 Wotoo ɔhye a wɔrentumi ntra;
10 Ɔma nsuwa sen fa abon mu,
11 Wɔma wuram mmoa nyinaa nsu nom;
12 Wim nnomaa nwen wɔn berebuw wɔ nsu no ho;
13 Ofi ne soro mpia mu tɔ nsu gugu mmepɔw so;
14 Ɔma sare fifi ma anantwi,
15 nsa a ɛma onipa koma tɔ ne yam,
16 Wogugu Awurade nnua no so yiye,
17 Ɛsow na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw,
18 Mmepɔw atenten no yɛ wuram mmirekyi de;
19 Ɔsram kyerɛ bere nkyekyɛmu,
20 Wode sum ba ma ɛyɛ adesae
21 Gyata bobɔ mu pɛ wɔn hanam,
22 Owia pue ma wɔsan wɔn akyi;
23 Afei, onipa kɔ nʼadwuma so
24 Awurade, wo nnwuma dɔɔso!
25 Po na ɛda hɔ tɛtrɛɛ tamaa yi,
26 So na ahyɛn di akɔneaba,
27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan
28 Wode ma wɔn a, wɔtase;
29 Wode wʼanim hintaw wɔn a,
30 Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a
31 Ma Awurade anuonyam ntena hɔ daa;
32 nea ɔhwɛ asase na ɛwosow,
33 Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;
34 Ɔmma me mpaebɔ nsɔ nʼani
35 Ma nnebɔneyɛfo nyera wɔ asase so;