1 Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi,
2 sɛ nea wokae ayi ka ama wo
3 ɛno de yɛ eyi, me ba, na fa tetew wo ho,
4 Mma wʼani nkum
5 Gye wo ho, sɛnea ɔforote guan fi ɔbɔmmɔfo nsam
6 Ɔkwadwofo, kɔ ɔtɛtea nkyɛn;
7 Onni ɔsahene,
8 nanso ɔde aduan sie wɔ ahuhurubere mu,
9 Wo, ɔkwadwofo, wobɛda akosi da bɛn?
10 Nna kakra, nkotɔ kakra,
11 ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo
12 Onipa teta ne ohuhuni a
13 nea obu nʼani,
14 nea ɔde ne koma mu nnaadaa bɔ pɔw bɔne,
15 Ɛno nti amanehunu bɛba no so prɛko pɛ;
16 Nneɛma asia na Awurade mpɛ,
17 ani a ɛtra ntɔn,
18 koma a edwen amumɔyɛ ho,
19 ɔdansekurumni a odi atoro
20 Me ba, tie wʼagya ahyɛde
21 Fa kyekyere wo koma ho daa;
22 Wonantew a, ɛbɛkyerɛ wo kwan;
23 Na saa ahyɛde yi yɛ kanea
24 ɛtwe wo fi ɔbea a onni suban pa no ho,
25 Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ,
26 efisɛ oguamanfo ma wʼanuonyam yɛ sɛ brodosin,
27 Obi betumi asɔ gya agu ne srɛ so a
28 Obi betumi anantew nnyansramma so a
29 Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforo yere da no te;
30 Nnipa mmu ɔkorɔmfo a wakowia ade animtiaa
31 Mmom, sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ otua mmɔho ason;
32 Ɔbarima a ɔsɛe aware no nni adwene;
33 Ɔhwe ne animguase na obenya,
34 Ninkutwe hwanyan okunu abufuw
35 Ɔrennye mpata biara;