1 Me ba, mma wo werɛ mfi me nkyerɛkyerɛ,
2 na ɛbɛma wo nkwa aware, mfe bebree
3 Mma adɔe ne nokware mmfi wo nkyɛn
4 Na wubenya adom ne din pa
5 Fa wo koma nyinaa to Awurade so,
6 hu no wʼakwan nyinaa mu,
7 Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafo;
8 Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo nipadua,
9 Fa wʼahonya hyɛ Awurade anuonyam,
10 na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so,
11 Me ba, sɛ Awurade teɛ wo so a, tie no yiye,
12 Efisɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,
13 Nhyira nka onipa a ohu nyansa,
14 efisɛ, nimdeɛ so mfaso sen dwetɛ,
15 Ne bo yɛ den sen bota;
16 Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu;
17 Nʼakwan yɛ ahomeka,
18 Ɔyɛ nkwadua ma wɔn a woso ne mu;
19 Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem,
20 Efi ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebun mu,
21 Me ba, fa atemmu pa ne nhumu sie,
22 ɛbɛyɛ nkwa ama wo,
23 Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo,
24 sɛ woda a worensuro;
25 Nsuro mpofirim amanehunu
26 efisɛ Awurade bɛwɔ wʼafa
27 Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata,
28 Nka nkyerɛ wo yɔnko se:
29 Mpam ɔhaw mma wo yɔnko
30 Mmɔ obi sobo kwa
31 Mma wʼani mmere basabasayɛfo,
32 efisɛ Awurade kyi basabasayɛfo
33 Awurade nnome wɔ omumɔyɛfo fi so,
34 Odi fɛwdifo a wɔyɛ ahantan no ho fɛw,
35 Anyansafo benya anuonyam adi,