Jeremias 14

TWI

1 Eyi ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuyow ho:

2 “Yuda resu,

3 Mmapɔmma soma wɔn asomfo ma wɔkɔhwehwɛ nsu;

4 Asase no apaapae,

5 Mpo ɔforotebere a ɔwɔ sare so

6 Sare so mfurum gyinagyina nkoko wosee no so

7 Ɛwɔ mu sɛ yɛn amumɔyɛ di adanse tia yɛn de,

8 Wo a woyɛ Israel Anidaso,

9 Adɛn nti na woayɛ sɛ obi a ade afu ne mu yi,

10 Eyi ne nea Awurade ka fa saa nnipa yi ho:

11 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mmɔ yiyeyɛ ho mpae mma saa nnipa yi.

12 Mmom ɛwɔ mu sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre de, nso merennye. Mmom, mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”

13 Nanso mekae se, “Ao, Otumfo Awurade, adiyifo no ka kyerɛ wɔn daa se, ‘Morenhu afoa, na ɔkɔm remma. Nokware mɛma mo asomdwoe a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’ ”

14 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Adiyifo no hyɛ akɔntoro wɔ me din mu. Mensomaa wɔn, minnyii wɔn na menkasa nkyerɛɛ wɔn ɛ. Wɔrehyɛ nkɔm fa atoro anisoadehu, asumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho.

15 Ɛno nti, nea Awurade ka fa adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho ni: mensomaa wɔn nanso wɔka se, ‘Afoa biara anaa ɔkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifo no ara bɛtotɔ wɔ afoa ano ne ɔkɔm mu.

16 Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtotow wɔn agu Yerusalem mmɔnten so esiane ɔkɔm ne afoa nti. Wɔrenya obiara nsie wɔn: wɔn yerenom, wɔn mmabarima anaa wɔn mmabea. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.

17 “Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn:

18 Sɛ mekɔ ɔman no mu a,

19 Woapo Yuda koraa ana?

20 Awurade, yegye yɛn amumɔyɛ

21 Na wo din nti mmu yɛn animtiaa;

22 Na amanaman ahoni ahuhuw no mu bi ma osu tɔ ana?

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado