Isaías 39

TWI

1 Saa bere no Merodak-Baladan a ɔyɛ Babiloniahene Baladan babarima soma ma wɔde krataa ne akyɛde kɔmaa Hesekia, efisɛ na wate sɛ wayare ama ne ho atɔ no.

2 Hesekia gyee asomafo no fɛw so, na afei ɔde nea ɔwɔ wɔ ne adekoradan mu kyerɛɛ wɔn; dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhuam, ngohuam, nʼakode akorae ne biribiara a ɛka nʼademude ho. Biribiara nni nʼahemfi ne nʼahenni mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

3 Afei Odiyifo Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kobisaa no se, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kae na he na wofi bae?”

4 Odiyifo no bisae se, “Dɛn na wohuu wɔ wʼahemfi hɔ?”

5 Afei Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia se, “Tie asɛm a efi Asafo Awurade nkyɛn:

6 Nokware, bere bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfi ne agyapade a wʼagyanom akora de abedu nnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sɛɛ na Awurade se.

7 Wʼankasa wʼasefo bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ piamfo a wɔbɛsom wɔ Babiloniahene ahemfi.”

8 Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia se, “Saa asɛm yi a efi Awurade nkyɛn a woaka akyerɛ me yi yɛ asɛm papa.” Nanso na ɔhene no redwene sɛ, ne bere so de, obenya asomdwoe ne bammɔ.

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado