Isaías 38

TWI

1 Saa nna no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos babarima Odiyifo Yesaia kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Toto wʼakwan yiye, efisɛ worebewu; na wo ho renyɛ wo den bio.”

2 Bere a Hesekia tee asɛm yi, otwaa nʼani hwɛɛ ɔfasu, bɔɔ Awurade mpae se,

3 “Kae, Awurade, sɛnea manantew wʼanim nokware mu na mede me koma ayɛ nea ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.

4 Na saa asɛm yi fii Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ se,

5 “San kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade, wʼagya Dawid Nyankopɔn, ka: Mate wo mpaebɔ no, na mahu wo nisu. Mede mfe dunum bɛka wo nkwanna ho.

6 Na megye wo ne kuropɔn yi afi Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.

7 “ ‘Na eyi ne nsɛnkyerɛnne a Awurade bɛyɛ de adi ho adanse sɛ, obedi ne bɔhyɛ so:

8 Mɛma owia ano sunsuma atwe akɔ nʼakyi anammɔn du wɔ Ahas antweri so.’ ” Ɛno nti, owiahyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn du.

9 Nea Yudahene Hesekia kyerɛw wɔ ne yare ne nʼayaresa akyi ni:

10 Mekae se, “Mʼasetena mu nnapa yi mu

11 Mekae se, “Merenhu Awurade Nyankopɔn bio

12 Wɔadwiriw me fi agu agye afi me nsam,

13 Mede ntoboase twɛn kosii ahemadakye,

14 Misuu sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn;

15 Na dɛn na metumi aka?

16 Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa

17 Yiw, ɛyɛ me yiyeyɛ nti

18 Ɔda rentumi nkamfo wo;

19 Ateasefo nko na wobetumi akamfo wo,

20 Awurade begye me nkwa,

21 Na Yesaia kae se, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛtɔ no.”

22 Na Hesekia bisae se, “Dɛn nsɛnkyerɛnne na ɛbɛda no adi sɛ, mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado