Ezequiel 28

TWI

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

2 “Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

3 Wunim nyansa sen Daniel ana?

4 Wonam wo nyansa ne nhumu so

5 Wonam wʼaguadi mu nyansa so

6 “ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se:

7 mede ananafo reba abetia wo,

8 Wɔde wo bɛto amoa no mu,

9 Afei wobɛka se, “Meyɛ onyame,”

10 Wubewu momonotofo wu

11 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

12 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

13 Na anka wowɔ Eden

14 Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfo kerub,

15 Na anka wʼakwan ho nni asɛm

16 Wʼaguadi a mu trɛw no nti

17 Wohyerɛn wɔ wo koma mu

18 Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisi

19 Aman a na wonim wo nyinaa

20 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

21 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no

22 na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

23 Mɛma ɔyaredɔm aba ne so

24 “ ‘Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw sɛ ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.

25 “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so.

26 Wɔbɛtena hɔ asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu wɔ bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.’ ”

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado