1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so.
3 Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka:
4 Wo tumidi wɔ po so akyirikyiri;
5 Wo nnua a wɔpaee nyinaa
6 Odum nnua a efi Basan
7 Misraim nwera papa bi a wɔadi mu adwini
8 Sidonfo ne Arwadfo na wɔhare wʼahyɛn;
9 Gebal adwumfo adedaw tenaa wʼahyɛn mu
10 “ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima
11 Arwad ne Helek mmarima
12 “ ‘Wʼaguade a ɛma wonyaa wo ho bebree nti, Tarsis ne wo dii gua, wɔde dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii sesaa wʼaguade.
13 “ ‘Helafo, Tubalfo ne Mesekfo ne wo dii gua, wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼaguade.
14 “ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfurum mma bɛsesaa wʼaguade.
15 “ ‘Roda mmarima ne wo dii gua, na mpoano nkurow bebree yɛɛ wʼadetɔfo a wɔde asonse ne duabo nnua tuaa wo ka.
16 “ ‘Aram ne wo dii gua esiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammabo, ntama a ɛberedum, nea wɔadi mu adwinni, nwera pa, nnɛnkyerema ne bota bɛsesaa wʼaguade.
17 “ ‘Yuda ne Israel ne wo dii gua; wɔde awi a efi Minit ne brodo, ɛwo, ngo ne ahyehyesrade sesaa wʼaguade.
18 “ ‘Damasko ne wo dii gua wɔ nsa a efi Helbon ne nguan ho nwi a efi Sahar mu, esiane nneɛma a woyɛ ne wʼaguade a ama woanya wo ho bebree no nti.
19 Danfo ne Helafo a wofi Usal tɔɔ wʼaguade na wɔde dade a wɔaboro, sesadua ne ahunuanyankwa sesaa wʼaguade.
20 “ ‘Dedan de apɔnkɔnguasotam ne wo dii gua.
21 “ ‘Arabfo ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼaguadifo a wɔde nguantenmma, adwennini ne mpapo ne wo dii gua.
22 “ ‘Seba ne Raama aguadifo ne wo dii gua; wɔde nnuhuam ahorow a ɛte apɔw, aboɔden abo ne sikakɔkɔɔ ne wo bedii nsesagua.
23 “ ‘Haran, Kan ne Eden, aguadifo a wofi Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii gua.
24 Wo gua so hɔ, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ, nnɛmmatam a ɛyɛ tuntum, adwinne ahorow ne ntama fɛfɛ a ɛwɔ ahosu ahorow a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔwapɔw na ayɛ ne wo bedii gua.
25 “ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma
26 Wʼaharefo no fa wo
27 Wʼahonya, aguade ne adetɔnnne
28 Mpoano asase bɛwosow
29 Wɔn a wokurakura atabon no nyinaa
30 Wɔbɛma wɔn nne so
31 Wo nti wɔbɛbobɔ tikwaw
32 Bere a wɔretwa adwo redi awerɛhow no
33 Bere a wʼaguade kɔɔ po ahorow so no
34 Afei po abubu wo mu nketenkete
35 Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa
36 Aman no mu aguadifo bɔ ntwɔm gu wo so