Deuteronômio 32

TWI

1 Monyɛ aso, mo ɔsoro na mɛkasa;

2 Ma me nkyerɛkyerɛ ntɔ sɛ osu;

3 Mɛbɔ Awurade din.

4 Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni,

5 Porɔwee adidi wɔn mu na wɔnyɛ ne mma;

6 Saa ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so tua Awurade ka ni ana,

7 Monkae tete nna;

8 Bere a Ɔsorosoroni no maa amanaman no agyapade,

9 Efisɛ Israelfo yɛ Awurade kyɛfa;

10 Ohuu no wɔ sare asase so,

11 sɛ ɔkɔre a ɔhwanyan ne berebuw mu

12 Awurade nkutoo na ɔkyerɛɛ no kwan;

13 Ɔma no nantew faa asase no nkoko so;

14 nyɛmmoa mu nufusu ne srade,

15 Yeshurun dɔɔ srade na onyaa ahoɔden;

16 Wɔma ɔtwee ninkunu wɔ wɔn ananafo anyame no ho

17 Wɔbɔɔ afɔre maa atoro anyame a wɔnyɛ Onyankopɔn,

18 Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.

19 Awurade huu eyi na ɔpoo wɔn

20 Ɔkae se, “Mede mʼanim behintaw wɔn

21 Wɔde nea ɛnyɛ Onyame ahyɛ me ninkutwe

22 Efisɛ mʼabufuwhyew befita ogya mu,

23 “Mɛhɔre amanehunu ahorow no siw wɔ wɔn so

24 Mede ɔkɔm kɛse,

25 Afoa bɛma wɔahwere wɔn mma wɔ abɔnten so;

26 Mekae se mɛbɔ wɔn ahwete

27 Nanso misuroo ɔtamfo fɛwdi,

28 Israel yɛ ɔman a wonni adwene.

29 Sɛ anka wɔyɛ anyansafo na wɔbɛte eyi ase,

30 Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,

31 Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,

32 Wɔn bobe fi Sodom bobe mu

33 Wɔn bobesa yɛ awɔ ano bɔre;

34 “So menkoraa eyi mmoroso,

35 Mɛtɔ were; metua so ka.

36 Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn

37 Obebisa se, “Afei wɔn anyame no wɔ he,

38 anyame a wodii wɔn afɔrebɔde mu srade

39 “Afei, munhu sɛ, me ara me ne no!

40 Mema me nsa so kyerɛ ɔsoro de nidi sua sɛ:

41 sɛ mesew me afoa a ɛpa yerɛwyerɛw no

42 Mɛma me bɛmma anom mogya abow,

43 Mo aman, mo ne ne nkurɔfo nni ahurusi,

44 Mose ne Nun babarima Hosea ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.

45 Mose woroo saa dwom no mu nsɛm no kyerɛɛ Israelfo no wiee no,

46 ɔka kaa ho se, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo koma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi saa mmara yi mu nsɛm nyinaa so pɛpɛɛpɛ.

47 Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi a wɔde rema mo kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ mudi so a, mubenyin akyɛ wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔfa no so.”

48 Da no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,

49 “Kɔ Moab, kɔ mmepɔw a ɛwɔ asu no apuei no so, na foro Nebo bepɔw a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfo sɛ wɔn agyapade no.

50 Bepɔw a woaforo no so hɔ na wobɛkɔ akɔka wʼagyanom ho, sɛnea wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔw so kɔkaa nʼagyanom ho no.

51 Efisɛ mo baanu dii me huammɔ wɔ Israelfo mu wɔ Meriba ne Kades asu ho wɔ Sin sare so. Moanni me kronkronyɛ ho adanse ankyerɛ Israelfo no wɔ hɔ.

52 Ɛno nti, mubehu asase no afi akyiri, nanso morenkɔ asase a mede rema Israelfo no so.”

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado