1 Ao Onyankopɔn, adɛn enti na woapo yɛn koraa yi?
2 Kae nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn teteete no,
3 Dane wo ho kyerɛ mmubuiɛ a ɛda so wɔ hɔ yi so,
4 Wʼatamfoɔ bobɔɔ mu wɔ baabi a wohyiaa yɛn no;
5 Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua
6 Wɔde wɔn mmonnua ne nname
7 Wɔhyee wo kronkronbea no dwerɛbee;
8 Wɔkaa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Yɛbɛtiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!”
9 Yɛnhunu wo nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa biara bio;
10 Ao Onyankopɔn, wʼatamfoɔ bɛsere wo akɔsi da bɛn?
11 Adɛn enti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no?
12 Nanso, Ao Onyankopɔn, woyɛ me ɔhene firi tete;
13 Ɛyɛ wo na wode wo tumi paee ɛpo mu no;
14 Wopɛkyɛɛ Lewiatan no ti
15 Wo na womaa nsuwa ne nsutire tueeɛ;
16 Adekyeeɛ wɔ wo na adesaeɛ nso yɛ wo dea;
17 Ɛyɛ wo na wototoo asase so ahyeɛ nyinaa;
18 Ao Awurade, kae sɛdeɛ ɔtamfoɔ no sere woɔ,
19 Mfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa;
20 Ma wʼapam no ho nhia wo,
21 Mma wɔn a wɔahyɛ wɔn soɔ no anim nngu ase;
22 Ao Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm;
23 Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteateam so,