1 Monkamfo Awurade.
2 Ne mma bɛyɛ atumfoɔ wɔ asase no so;
3 Ahonya ne sika wɔ ne fie,
4 Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene,
5 Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa.
6 Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da;
7 Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu;
8 Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro;
9 Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ,
10 Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea,