1 Wɔwiee ɔfasuo no, na mesisii apono no wieeɛ no akyi, wɔyiyii apono no anohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ ne Lewifoɔ.
2 Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree.
3 Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adekyeeɛ mu, sɛ ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna hɔ. Na sɛ aponoanohwɛfoɔ wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn wɔ awɛneeɛ hɔ, na ebi nso awɛn wɔ wɔn ankasa afie anim.”
4 Saa ɛberɛ no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afie kakra bi na na ɛsisi kuropɔn no mu.
5 Na me Onyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie:
6 Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.
7 Wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana.
8 Abusuafoɔ dodoɔ nie:
9 Sefatia
10 Arah
11 Pahat-Moab (Yesua ne Yoab asefoɔ)
12 Elam
13 Satu
14 Sakai
15 Bani
16 Bebai
17 Asgad
18 Adonikam
19 Bigwai
20 Adin
21 Ater (Hesekia asefoɔ)
22 Hasum
23 Besai
24 Harif
25 Gibar
26 Mmarima a wɔfiri
27 Anatot
28 Bet-Asmawet
29 Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot
30 Rama ne Geba
31 Mikmas
32 Bet-El ne Ai
33 Nebo
34 Elam
35 Harim
36 Yeriko
37 Lod, Hadid ne Ono
38 Senaa
39 Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
40 Imer asefoɔ
41 Pashur asefoɔ
42 Harim asefoɔ
43 Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
44 Nnwontofoɔ:
45 Asɔredan Aponoanohwɛfoɔ:
46 Asɔredan mu asomfoɔ:
47 Keros, Siaha, Padon asefoɔ,
48 Lebana, Hagaba, Salmai asefoɔ,
49 Hanan, Gidel, Gahar asefoɔ,
50 Reaia, Resin, Nekoda asefoɔ,
51 Gasam, Usa, Paseah asefoɔ,
52 Besai, Meunim, Nefusim asefoɔ,
53 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,
54 Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,
55 Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,
56 Nesia ne Hatifa asefoɔ
57 Ɔhene Salomo asefoɔ asomfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:
58 Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,
59 Sefatia, Hatil,
60 Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no nyinaa na wɔn dodoɔ yɛ
61 Ekuo foforɔ bi a saa ɛberɛ yi wɔfiri Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer sane baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yie sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ no ase firi Israel:
62 Delaia, Tobia ne Nekoda asefoɔ no ka saa kuo yi ho, na wɔn dodoɔ yɛ
63 Asɔfoɔ baasa a wɔn din de
64 Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho ɛkwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.
65 Na amrado no mma ɛkwan mma wɔnnni afɔrebɔ nnuane mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
66 Enti nnipa a wɔsane baa Yuda no nyinaa dodoɔ yɛ (42,360),
67 a ɛno akyi, asomfoɔ (7,337) a wɔyɛ mmaa ne mmarima a ɛmu (245) yɛ nnwomtofoɔ.
68 Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa nsia (736) mfunumpɔnkɔ ahanu ne aduanan enum (245).
69 Nyoma ahanan ne aduasa enum (435) ne mfunumu mpem nsia ahanson ne aduonu (6,720).
70 Abusua no bi ntuanofoɔ maa dwumadie no ho akyɛdeɛ. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran apem (1,000), sikakɔkɔɔ atam aduonum (50) ne asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa (530).
71 Ntuanofoɔ no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania kilogram mpem mmienu ahanu ne aduonu (2,220) de boaa adwuma no.
72 Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu ne dwetɛ bɛyɛ kilogram mpem ne ahanu ne asɔfotadeɛ aduosia nson (67).
73 Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne nnipa no bi, ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa bɔɔ atenaseɛ wɔ wɔn ankasa nkuro so.