1 Kaesare Tiberio dii adeɛ ne mfeɛ dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ ɛserɛ so.
2 Saa ɛberɛ no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinihene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansini so; na Lisania di Abilene mansinihene, ɛnna Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin.
3 Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa sɛ, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfiri wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.
4 Sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ,
5 Bɔnhwa biara bɛyɛ ma.
6 Na nnipa nyinaa bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’ ”
7 Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔbaa hɔ sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuhyeɛ a ɛreba no ho?
8 Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ.
9 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa na ɔde agu ogya mu, ahye no.”
10 Nnipakuo no bisaa no sɛ, “Na ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛnyɛ?”
11 Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ wowɔ ntoma mmienu a, ma deɛ ɔnni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduane a, ma deɛ ɔnni bi no bi.”
12 Togyefoɔ a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnyɛ ɛdeɛn?”
13 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monnnye mmoro deɛ wɔatwa ato hɔ sɛ monnye no.”
14 Asraafoɔ bi nso bisaa sɛ, “Yɛn nso yɛnyɛ ɛdeɛn?”
15 Esiane sɛ saa ɛberɛ no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan enti, na wɔsusu sɛ Yohane ne Agyenkwa no.
16 Yei maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me deɛ mede nsuo na ɛrebɔ mo asu. Nanso, obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sene me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.
17 Ɔno na sɛ ɔba a, ɔbɛhuhu mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akɔsie na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no.”
18 Ɔnam afotuo ahodoɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.
19 Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahodoɔ a na ɔyɛ no ho.
20 Yei maa Herode de Yohane too afiase.
21 Ɛberɛ a Yohane bɔɔ nkurɔfoɔ pii asu wieeɛ no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wieeɛ a ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueɛ.
22 Honhom Kronkron sianee honam mu te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”
23 Yesu hyɛɛ nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa. Nkurɔfoɔ susuu sɛ, Yesu yɛ Yosef ba.
24 Eli agya ne Mattat;
25 Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos;
26 Nagai agya ne Mahat;
27 Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa;
28 Neri agya ne Melki;
29 Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser;
30 Lewi agya ne Simeon;
31 Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena;
32 Dawid agya ne Yisai;
33 Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin;
34 Yuda agya ne Yakob;
35 Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu;
36 Sala agya ne Kainan;
37 Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok;
38 Kenan agya ne Enos;