1 Adehunu a ɛfa Yerusalem, Anisoadehunu Bɔnhwa no ho:
2 Ao Kuro a basabasayɛ ahyɛ no ma,
3 Mo adikanfoɔ nyinaa abɔ mu adwane;
4 Enti mekaa sɛ, “Momfiri me so
5 Awurade, Asafo Awurade wɔ da bi
6 Elam fa bɛmma no
7 Nteaseɛnam ayɛ mo bɔnhwa fɛfɛ no ma,
8 Wɔayi Yuda ho banbɔ no.
9 wohunuu sɛ Dawid Kuropɔn no
10 Wokanee adan a ɛwɔ Yerusalem no
11 Woyɛɛ nsukoraeɛ wɔ afasuo mmienu no ntam
12 Awurade, Asafo Awurade,
13 Nanso hwɛ, woka sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ wɔ hɔ;
14 Awurade, Asafo Awurade ayi me asotire sɛ, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kɔsi wo wu da,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ nie.
15 Yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,
16 Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwan
17 “Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu den
18 Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa,
19 Mɛgye wʼadwuma afiri wo nsa mu
20 “Saa ɛda no, mɛfrɛ me ɔsomfoɔ Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima.
21 Mede wʼatadeɛ yuu bɛhyɛ no na mede wʼabowomu abobare nʼasene mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda efie.
22 Mede Dawid efie safoa bɛma no; deɛ ɔbɛbue no, obiara rentumi nto mu; na deɛ ɔbɛto mu nso, obiara rentumi mmue.
23 Mɛbɔ ne so sɛ pɛɛwa ama watim. Ɔbɛyɛ animuonyam adwa ama nʼagya efie.
24 Nʼabusua animuonyam nyinaa bɛgyina ne so: nʼasefoɔ ne mma nana, ne nkuku ne nkaka, firi nwowaa so kɔsi nhina nyinaa so.
25 “Saa ɛda no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, “pɛɛwa a wɔabɔ so ama atim no bɛtu ahwe fam na adesoa a ɛsɛn so no nso asɛe, Awurade akasa!”