1 Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.
2 Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.
3 Dodoɔ a wɔyɛ
4 Sefatia abusuafoɔ
5 Arah abusuafoɔ
6 Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ)
7 Elam abusuafoɔ
8 Satu abusuafoɔ
9 Sakai abusuafoɔ
10 Bani abusuafoɔ
11 Bebai abusuafoɔ
12 Asgad abusuafoɔ
13 Adonikam abusuafoɔ
14 Bigwai abusuafoɔ
15 Adin abusuafoɔ
16 Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ)
17 Besai abusuafoɔ
18 Yora abusuafoɔ
19 Hasum abusuafoɔ
20 Gibar abusuafoɔ
21 Betlehemfoɔ
22 Netofafoɔ
23 Anatotfoɔ
24 Asmawetfoɔ
25 Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ
26 Ramafoɔ ne Gebafoɔ
27 Mikmasfoɔ
28 Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ
29 Nebo ɔman mma
30 Magbis ɔman
31 Elam ɔman mma
32 Harim ɔman mma
33 Lod, Hadid ne Ono ɔman mma
34 Yeriko ɔman mma
35 Senaa ɔman mma
36 Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
37 Imer abusuafoɔ
38 Pashur abusuafoɔ
39 Harim abusuafoɔ
40 Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
41 Nnwontofoɔ:
42 Aponoanohwɛfoɔ:
43 Asɔredan asomfoɔ:
44 Keros, Siaha, Padon asefoɔ,
45 Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ,
46 Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ,
47 Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ,
48 Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ,
49 Usa, Paseah, Besai asefoɔ,
50 Asna, Meunim, Nefus asefoɔ,
51 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,
52 Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,
53 Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,
54 Nesia ne Hatifa.
55 Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ:
56 Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,
57 Sefatia, Hatil,
58 Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ
59 Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ.
60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ
61 Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa:
62 Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.
63 Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
64 Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360),
65 a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa.
66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245),
67 nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.
68 Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ.
69 Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.
70 Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.