1 Kae wo Bɔfoɔ
2 ansa na owia ne hann,
3 Ɛberɛ a efie no awɛmfoɔ ho popo,
4 ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono mu
5 ɛberɛ a nnipa suro ɛsoro kɔ
6 Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate,
7 na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ,
8 “Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ.
9 Ɔsɛnkafoɔ no yɛ onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree.
10 Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛfata, na deɛ ɔtwerɛeɛ no yɛ pɛ na ɛyɛ nokorɛ nso.
11 Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yie. Saa nsɛm yi nyinaa firi Odwanhwɛfoɔ baako nkyɛn.
12 Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho firi biribiara a ɛka yeinom ho, me babarima.
13 Afei ne nyinaa atɔ asom;
14 Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn,