1 Monto dwom foforo mma Awurade;
2 Monto dwom mma Awurade, monkamfo ne din;
3 Monka nʼanuonyam wɔ amanaman mu,
4 Awurade yɛ ɔkɛse na nkamfo fata no;
5 Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa,
6 Anuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim;
7 Momfa mma Awurade, amanaman mmusuakuw,
8 Momfa anuonyam ne din a ɛfata mma Awurade;
9 Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu;
10 Monka nkyerɛ aman nyinaa se, “Awurade di hene.”
11 Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurusi;
12 Momma mfuw ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose;
13 Momma abɔde nyinaa nni ahurusi wɔ Awurade anim, efisɛ ɔreba,