1 Me nkurɔfo, muntie me nkyerɛkyerɛ;
2 Mɛkasa wɔ abebu mu,
3 nneɛma a yɛate na yɛahu;
4 Yɛremfa nkame wɔn mma;
5 Ɔyɛɛ ahyɛde maa Yakob
6 sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma besua,
7 Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so,
8 Wɔrenyɛ sɛ wɔn nenanom,
9 Ɛwɔ mu sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan,
10 Wɔanni Onyankopɔn apam no so,
11 Wɔn werɛ fii nea wayɛ,
12 Ɔyɛɛ anwonwade wɔ wɔn nenanom anim,
13 Ɔkyɛɛ po mu na ɔde wɔn faa mu.
14 Ɔde omununkum dii wɔn anim awia
15 Ɔpaee ɔbotan mu wɔ sare so,
16 Ɔmaa asuti fii abotan mu
17 Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no,
18 Wɔhyɛɛ da kaa aduan a wɔpɛ,
19 Wɔkasa tiaa Onyankopɔn se,
20 Ɔde ade bɔɔ ɔbotan mu no, nsu tue fii mu,
21 Bere a Awurade tee nea wɔreka no, ne bo fuw yiye;
22 efisɛ na wonni Onyankopɔn mu gyidi
23 Nanso ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro wɔ ɔhyɛ so;
24 Ɔtɔɔ mana guu fam maa nnipa no sɛ wunni,
25 Nnipa dii abɔfo aduan;
26 Ogyaa apuei mframa fi ɔsoro,
27 Ɔtɔɔ nam sɛ mfutuma guu wɔn so,
28 Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenae,
29 Wodidi maa aduan no boroo wɔn so
30 Nanso ansa na wobefi aduan a wɔhwehwɛ no ho,
31 Onyankopɔn abufuw sɔree wɔn so;
32 Eyinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne;
33 Enti otwaa wɔn nna so te sɛ ahuru
34 Bere biara a Onyankopɔn bekum wɔn no, wɔhwehwɛ no
35 Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan,
36 Nanso wɔde wɔn ano bɛdaadaa no,
37 wɔn koma nni no nokware,
38 Nanso na ɔyɛ ahummɔbɔ;
39 Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa,
40 Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ sare no so hɔ,
41 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛɛ bere biara;
42 Wɔn werɛ fii ne tumi no,
43 da a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne nwonwaso wɔ Misraim no
44 Ɔmaa wɔn nsubɔnten dan mogya;
45 Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaw wɔn
46 Ɔmaa tɛwtɛw bedii wɔn mfuw so aduan
47 Ɔde mparuwbo sɛee wɔn bobe
48 Ɔde sukyerɛmma kum wɔn anantwi
49 Ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so,
50 Ɔbɔɔ kwan maa nʼabufuw;
51 Okunkum Misraimfo mmakan nyinaa,
52 Nanso oyii ne nkurɔfo fii mu sɛ nguankuw;
53 Odii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro;
54 Sɛɛ na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahye so,
55 Ɔpam amanaman a wɔwɔ wɔn anim no
56 Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe,
57 Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokware na wɔannya gyidi,
58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuw
59 Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuwii;
60 Ogyaw nʼatenae a ɛwɔ Silo no,
61 Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommum mu,
62 Ɔde ne nkurɔfo maa afoa;
63 Ogya hyew wɔn mmerante kum wɔn,
64 Wɔn asɔfo wuwuu afoa ano,
65 Afei Awurade sɔree sɛnea ofi nna mu no,
66 Ɔbobɔɔ nʼatamfo ma woguan kɔɔ wɔn akyi;
67 Afei ɔpoo Yosef ntamadan no,
68 Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuw no,
69 Osii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea,
70 Oyii ne somfo Dawid,
71 fii nguan akyi na ɔde no bae
72 Na Dawid de koma pa hwɛɛ wɔn so