1 Awurade, wo mu na maguan ahintaw;
2 Wo trenee no nti, yi me na gye me;
3 Yɛ me nkwagye botan,
4 Me Nyankopɔn, gye me fi amumɔyɛfo nsam,
5 Na woayɛ mʼanidaso, Asafo Awurade,
6 Mede me ho ato wo so fi awo mu;
7 Mayɛ nsɛnkyerɛnne ama bebree,
8 Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma,
9 Ntow me nkyene bere a mabɔ akwakoraa;
10 Efisɛ mʼatamfo kasa tia me
11 Wɔka se, “Onyankopɔn agyaw no mu;
12 Me Nyankopɔn, mfi me nkyɛn nkɔ akyiri;
13 Ma wɔn a wɔbɔ me sobo no nsɛe wɔ animguase mu;
14 Nanso me de, menya anidaso daa;
15 Mɛka wo trenee ho asɛm,
16 Otumfo Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛse no;
17 Onyankopɔn, efi me mmabun bere na wokyerɛkyerɛɛ me,
18 Mpo sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen a,
19 Onyankopɔn, wo trenee du ɔsorosoro,
20 Mmom woama mahu ɔhaw bebree a ɛyɛ yaw;
21 Wobɛhyɛ me anuonyam bebree
22 Mede sanku bɛkamfo wo
23 Mʼanofafa de anigye bɛteɛ mu
24 Me tɛkrɛma bɛka wo trenee nnwuma