1 Ma Onyankopɔn nsɔre, ma nʼatamfo nhwete;
2 Sɛnea mframa bɔ wusiw gu no,
3 Nanso ma atreneefo ani nnye
4 To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ.
5 Ayisaa agya ne nea odi akunafo asɛm ma wɔn
6 Ɔma ohiani tena mmusua mu,
7 Onyankopɔn, bere a wudii wo nkurɔfo anim,
8 asase wosowee,
9 Womaa osu tɔɔ bebree, Ao, Onyankopɔn,
10 Wo nkurɔfo bɔɔ atenase wɔ so,
11 Awurade kaa asɛm no,
12 “Ahemfo ne wɔn asraafo guan ntɛm so;
13 Mpo bere a woda nguanban mu no,
14 Bere a Otumfo bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hwetee no,
15 Basan mmepɔw gyinagyina hɔ,
16 Wo bepɔw abonkyiabonkyi, adɛn nti na wode ani bɔne hwɛ
17 Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ mpem mpem
18 Bere a woforo kɔɔ soro no,
19 Ayeyi nka Awurade, nka Onyankopɔn yɛn Agyenkwa,
20 Yɛn Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ogye nkwa;
21 Ampa ara Onyankopɔn bɛdwerɛw nʼatamfo ti,
22 Awurade ka se, “Mede wɔn befi Basan aba;
23 na moanantew wɔn a wokyi mo no mogya mu
24 Onyankopɔn, yɛahu wo santen yuu no,
25 Nnwontofo no wɔ anim, na asankubɔfo no nso di so,
26 Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛse no mu;
27 Abusuakuw ketewa, Benyamin na odi wɔn kan,
28 Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn;
29 Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem nti
30 Ka aboa a ɔhyɛ mfea mu no anim,
31 Ananmusifo befi Misraim aba,
32 Wiase ahemman, monto dwom mma Onyankopɔn,
33 monto mma nea ɔte tete ɔsorosoro so no,
34 Mompae mu nka Onyankopɔn tumi,
35 Wo ho yɛ hu, Onyankopɔn, wɔ wo kronkronbea hɔ;