1 Medɔ wo, Awurade, mʼahoɔden.
2 Awurade ne me botantim;
3 Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no,
4 Owu nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me;
5 Ɔda mu hama kyekyeree me;
6 Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade.
7 Asase wosowee na ehinhimii,
8 Wusiw fii ne hwene mu;
9 Ofii ɔsoro baa fam;
10 Ɔte kerubim so tu kɔɔ soro;
11 Ɔde sum kataa ne ho,
12 Hann kɛse hyerɛn wɔ nʼanim,
13 Awurade bobɔɔ mu fii ɔsoro;
14 Ɔtow ne bɛmma no de bɔɔ atamfo no ahwete,
15 Po mu abon ho yiyii
16 Ofi soro baa fam besoo me mu;
17 Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo nsam,
18 Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu,
19 wode me baa baabi a hɔ trɛw;
20 Awurade ne me adi no sɛnea me trenee te;
21 Manantew Awurade akwan so.
22 Madi ne mmara nyinaa so:
23 Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim,
24 Awurade agyina me treneeyɛ
25 Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafo kyerɛ wɔn a wodi nokware,
26 Woyɛ kronkron ma wɔn a wɔyɛ kronkron,
27 Wugye ahobrɛasefo nkwa,
28 Awurade, woma me kanea hyerɛn.
29 Wʼahoɔden a wode ma me nti, mitumi ka asraafo gu;
30 Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ;
31 Na hena na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho?
32 Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden,
33 Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforote de.
34 Osiesie me ma ɔko,
35 Wode wo ogye boa me nkatabo,
36 Woabɔ kwan tɛtrɛɛ ama mʼanan
37 Metaa mʼatamfo kɔtoo wɔn;
38 Mɛdwerɛw wɔn, na wɔantumi ansɔre,
39 Wode akodi ahoɔden maa me;
40 Womaa mʼatamfo dan wɔn ho guanee,
41 Wosu hwehwɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn,
42 Meyam wɔn sɛ mfutuma a mframa bɔ gu;
43 Woagye me afi nnipa no ɔfow mu,
44 Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ osetie ma me;
45 Wɔn nyinaa botobotow;
46 Awurade te ase! Ayeyi nka me Botan!
47 Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ were ma me,
48 ɔno na ogye me fi mʼatamfo nsam.
49 Ɛno nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade.
50 Wode nkonimdi akɛse ama wo hene;