Salmos 119

TWI

1 Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,

2 Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛde,

3 Wɔnyɛ mfomso biara;

4 Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ

5 Ao, sɛ anka mʼakwan besi pi,

6 Sɛ midwen wo mmaransɛm no nyinaa ho a,

7 Mede koma a mu tew bɛkamfo wo

8 Medi wo hyɛ nsɛm so;

9 Aberante bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho atew?

10 Mede me koma nyinaa hwehwɛ wo;

11 Mede wʼasɛm asie me koma mu

12 Awurade, ayeyi nka wo;

13 Mede mʼano ka mmara

14 Mʼani gye sɛ midi wʼahyɛde so,

15 Midwinnwen wo nkyerɛkyerɛ ho

16 Mʼani gye wo hyɛ nsɛm ho;

17 Yɛ wo somfo yiye;

18 Bue mʼani na minhu anwonwade a

19 Meyɛ ɔnanani wɔ asase so;

20 Me kra tɔ beraw bere biara,

21 Woka ahantanfo anim, wɔn a wɔadome wɔn,

22 Yi wɔn animka ne animtiaabu fi me mu,

23 Ɛwɔ mu sɛ sodifo hyia di me ho nseku,

24 Wʼahyɛde yɛ mʼanigyede

25 Woabrɛ me ase ma meda mfutuma mu;

26 Mesesee mʼakwan na wugyee me so;

27 Ma mente nea ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase;

28 Awerɛhow ama me kra atɔ beraw;

29 Yi me fi nnaadaa akwan so;

30 Mafa nokware kwan no so;

31 Awurade, mikura wo nkyerɛkyerɛ mu dennen,

32 Mitu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so,

33 Kyerɛkyerɛ me, Awurade, na minni wo hyɛ nsɛm so,

34 Ma me ntease, na medi wo mmara so,

35 Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no

36 Dan me koma kɔ wʼahyɛde ho

37 Yi mʼani fi nneɛma hunu so;

38 Di bɔ a woahyɛ wo somfo no so,

39 Yi animguase a ɛbɔ me hu no fi hɔ,

40 Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no!

41 Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so,

42 Afei mebua nea oyi me ahi no,

43 Nyi nokwasɛm no mfi mʼanom,

44 Medi wo mmara so bere biara

45 Mede ahofadi bɛnantew,

46 Mɛka wʼahyɛde ho asɛm wɔ ahemfo anim

47 efisɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho,

48 Mede nidi ma wo mmaransɛm a medɔ no,

49 Kae asɛm a woaka akyerɛ wo somfo,

50 Mʼawerɛkyekye wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ:

51 Ahantanfo bu me animtiaa bebree,

52 Awurade mekae wo tete mmara no,

53 Abufuw hyɛ me ma, esiane amumɔyɛfo

54 Wo hyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban

55 Awurade, anadwo mekae wo din,

56 Eyi ne ade a meyɛ da biara,

57 Awurade, wo ne me kyɛfa;

58 Mede me koma nyinaa ahwehwɛ wo;

59 Madwene mʼakwan ho

60 Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn

61 Ɛwɔ mu, amumɔyɛfo de hama kyekyere me,

62 Ɔdasu mu, mesɔre de wʼaseda ma wo,

63 Meyɛ wɔn a wosuro wo nyinaa adamfo,

64 Awurade, wʼadɔe ahyɛ asase so ma;

65 Wo ne wo somfo nni no yiye

66 Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmu pa,

67 Mefom ɔkwan ansa na mihuu amane,

68 Wuye, na nea woyɛ nso ye;

69 Ahantanfo de atoro asra me ho de,

70 Wɔn koma yɛ den na wonni ɔtema,

71 Eye sɛ mihuu amane

72 Mmara a efi wʼanom no som bo ma me

73 Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwenee me;

74 Sɛ wɔn a wosuro wo no hu me a, ma wɔn ani nnye,

75 Awurade, minim sɛnea wo mmara te,

76 Ma wʼadɔe a ɛnsa da no nkyekye me werɛ

77 Ma wʼayamhyehye mmra me so, na minnya nkwa,

78 Ma ahantanfo ani nwu sɛ wɔfom me kwa nti

79 Ma wɔn a wosuro wo no mmra me nkyɛn,

80 Ma me koma nnya bembu wɔ wo hyɛ nsɛm ho,

81 Wo nkwagye ho anigyina ama me kra atɔ piti,

82 Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu;

83 Ɛwɔ mu sɛ mete sɛ nsa kotoku a ɛsɛn wusiw ano de,

84 Wo somfo ntwɛn nkosi da bɛn?

85 Ahantanfo atu amoa de asum me afiri,

86 Wo mmara nsɛm nyinaa mu wɔ ahotoso;

87 Ɛkaa kakraa bi a anka woyii me fii asase so,

88 Kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te,

89 Awurade, wʼasɛm no wɔ hɔ daa;

90 Wo nokwaredi kɔ so wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu;

91 Wo mmara wɔ hɔ besi nnɛ,

92 Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a,

93 Me werɛ remfi wo nkyerɛkyerɛ no,

94 Gye me nkwa, na meyɛ wo de;

95 Amumɔyɛfo retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me,

96 Mahu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ nea ɛkɔpem;

97 Ao, medɔ wo mmara no yiye!

98 Wo mmara nsɛm ma mihu nyansa sen mʼatamfo,

99 Mewɔ nhumu sen mʼakyerɛkyerɛfo nyinaa,

100 Mewɔ ntease sen mpanyimfo,

101 Memfaa mʼanan nsii ɔkwan bɔne biara so

102 Memman mfii wo mmara ho,

103 Wo nsɛm yɛ me dɛ,

104 Minya ntease fi wo nkyerɛkyerɛ mu;

105 Wʼasɛm yɛ mʼanan ase kanea

106 Maka ntam ahyɛ mu kena se

107 Mahu amane bebree;

108 Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a efi me pɛ mu,

109 Ɛwɔ mu sɛ daa metoto me nkwa ase de,

110 Amumɔyɛfo asum me afiri,

111 Wʼahyɛde yɛ mʼagyapade afebɔɔ;

112 Me koma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo hyɛ nsɛm so

113 Mikyi nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta,

114 Wone me guankɔbea ne me kyɛm;

115 Mumfi me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo,

116 Wowaw me sɛnea wo bɔhyɛ no te, na mɛtena nkwa mu;

117 So me mu, na menya ogye;

118 Wopo wɔn a wɔfom wo hyɛ nsɛm nyinaa,

119 Wotow amumɔyɛfo nyinaa gu sɛ afide;

120 Wo ho suro ma me ho popo;

121 Mayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ.

122 Hwɛ ma wo somfo nni yiye;

123 Mahwɛ wo nkwagye anim ama mʼani abu,

124 Wo ne wo somfo nni no sɛnea wʼadɔe te,

125 Meyɛ wo somfo; ma me nhumu

126 Awurade, bere aso sɛ woyɛ biribi;

127 Esiane sɛ medɔ wo mmara nsɛm

128 na midwen sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa ye nti,

129 Wʼahyɛde yɛ nwonwa;

130 Wo nsɛm asete ma hann;

131 Mibue mʼanom na migu ahome,

132 Dan wʼani hwɛ me na hu me mmɔbɔ

133 Tutu mʼanammɔn sɛnea wʼasɛm no te;

134 Gye me fi nnipa nhyɛso mu,

135 Ma wʼanim nhyerɛn wo somfo so

136 Nsuten nisu aguare me,

137 Ɔtreneeni ne wo, Awurade,

138 Ahyɛde a woayɛ no yɛ trenee;

139 Abufuw ahyɛ me ma,

140 Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahorow no ahwɛ pa ara,

141 Ɛwɔ mu sɛ menka hwee na memfra de,

142 Wo trenee wɔ hɔ daa,

143 Ɔhaw ne awerɛhow aba me so,

144 Wʼahyɛde yɛ nokware daa;

145 Awurade, mede me koma nyinaa mefrɛ wo, gye me so,

146 Misu mefrɛ wo, gye me nkwa

147 Mesɔre anɔpahema, na misu pɛ mmoa;

148 Mʼani gu so anadwo nyinaa,

149 Tie me nne sɛnea wʼadɔe no te;

150 Wɔn a wɔhyehyɛ atirimɔdensɛm no abɛn,

151 Awurade, wo de, wobɛn me,

152 Mmere bi a atwa mu no, misuaa wʼahyɛde

153 Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa

154 Di mʼasɛm ma me na gye me;

155 Nkwagye ne atirimɔdenfo ntam kwan ware,

156 Awurade, wʼayamhyehye yɛ kɛse;

157 Atamfo a wɔteetee me dɔɔso,

158 Mehwɛ wɔn a wonni gyidi no a wɔn ho yɛ me nwini,

159 Hwɛ sɛnea mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho;

160 Wo nsɛm nyinaa yɛ nokware;

161 Sodifo taataa me kwa,

162 Mʼani gye wo bɔhyɛ ho

163 Mikyi nkontompo

164 Mekamfo wo mpɛn ason da biara,

165 Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe mmoroso,

166 Awurade, metwɛn wo nkwagye,

167 Midi wʼahyɛde so

168 Midi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛde so,

169 Awurade, ma me sufrɛ nnu wʼanim;

170 Ma me nkotosrɛ nnu wʼanim;

171 Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma;

172 Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom,

173 Ma wo nsa nyɛ krado mmɛboa me,

174 Awurade, mʼani agyina wo nkwagye,

175 Ma mentena nkwa mu na matumi akamfo wo,

176 Mafom kwan sɛ oguan a wayera.

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado