Números 7

TWI

1 Da a Mose wiee Ahyiae Ntamadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tew mu nneɛma nyinaa ho. Ɔsan sraa afɔremuka ne ho nkuku ne nkaka nyinaa ngo, tew ho nso.

2 Afei, Israel mpanyimfo ne mmusuakuw no mu mpanyin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔde bae.

3 Wɔde nteaseɛnam asia a wɔakatakata ho ne anantwi dumien na ɛbae. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanyimfo baanu de, a nantwi baako yɛ wɔn mu biara de. Wɔde ne nyinaa maa Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no anim.

4 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,

5 “Gye wɔn akyɛde no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma. Fa ma Lewifo no na obiara mfa nni dwuma biara a ɛsɛ sɛ odi.”

6 Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwi no maa Lewifo no.

7 Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfo nteaseɛnam abien ne anantwi anan sɛnea na ehia ma wɔn dwumadi,

8 na ɔmaa Merari ne ne nkurɔfo nso nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe a Aaron babarima Itamar na na odi so panyin.

9 Wɔamma Kohat nkurɔfo nteaseɛnam no bi, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiae Ntamadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmati so.

10 Mpanyimfo a wodi anim no nso de nsrabɔ akyɛde beguu afɔremuka no anim da a wɔresra afɔremuka no ngo no.

11 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼafɔrebɔde bɛba afɔremuka no so.”

12 Aminadab babarima Nahson a ofi Yuda abusuakuw mu na ɔde nʼafɔrebɔde baa da a edi kan no.

13 Nneɛma a ɔde bae no yɛ:

14 sikakɔkɔɔ adaka baako a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

15 ɔde nantwinini ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔrebɔde.

16 Wɔde ɔpapo bae sɛ bɔne ho afɔrebɔde

17 ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyi anum ne nguantenmma a wɔn mu biara adi afe, anum bae sɛ wɔn asomdwoe afɔrebɔde.

18 Da a ɛto so abien no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

19 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

20 Sikakɔkɔɔ nnwetɛbona baako a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

21 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

22 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre

23 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

24 Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

25 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

26 sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

27 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

28 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre

29 ne anantwi abien, adwennini anum ne mpapo anum sɛ asomdwoe afɔre.

30 Ne nnaanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

31 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

32 Sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma.

33 Nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

34 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

35 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe.

36 Ne nnaanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

37 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

38 sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

39 nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

40 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre,

41 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre bae.

42 Ne nnansia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

43 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

44 sikakɔkɔɔ akorade bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

45 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

46 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

47 anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

48 Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

49 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

50 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

51 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

52 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

53 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

54 Ne nnaawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

55 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

56 sikakɔkɔɔ akorade bi a ɛkari nnwetɛbona du a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

57 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

58 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

59 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

60 Ne nnankron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

61 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

62 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

63 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

64 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

65 ne nantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

66 Ne nnadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

67 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

68 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

69 nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

70 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

71 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

72 Ne nna dubaako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

73 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

74 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

75 nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

76 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

77 ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyinini anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

78 Ne nnadumien so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

79 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

80 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

81 nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

82 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

83 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

84 Eyinom ne afɔremuka no afɔrebɔde a Israel mpanyimfo de ba bɛsraa afɔremuka no, nam so bɔɔ no atenase:

85 Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no kari bɛyɛ kilogram aduasa, na prɛte biara kari bɛyɛ kilogram baako ne fa, na hweaseammɔ no nso mu duru yɛ kilogram baako.

86 Sikakɔkɔɔ a wɔde bɛkyɛe no mu duru yɛɛ bɛyɛ kilogram baako ne fa a ɛkyerɛ sɛ, sikakɔkɔɔ no akorade no mu biara duru yɛ nnwetɛbona du a wɔde aduhuam ahyɛ no ma.

87 Wɔde anantwi dumien ne adwennini a wɔn mu biara adi afe na ɛbɛbɔɔ ɔhyew afɔre no a atoko afɔrebɔ nso ka ho. Wɔde mpapo bɛbɔɔ bɔne ho afɔre.

88 Asomdwoe afɔre nneɛma a wɔde bae ni: nantwininimma aduonu anan, adwennini aduosia, mmirekyi aduosia, adwennini a wɔn mu biara adi afe aduosia.

89 Bere a Mose kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɔne Awurade rekɔkasa no, ɔtee nne bi fi soro a ɛrekasa kyerɛ no fi Mpata Beae no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a kerubim abien no sisi no ntam. Awurade faa saa kwan yi so kasa kyerɛɛ no.

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado