1 Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar se,
2 “Monkan Israelfo mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodow a wobetumi akɔ ɔsa ama Israel wɔ abusua biara mu.”
3 Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔatra Yeriko no se,
4 “Monkan mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.”
5 Eyinom ne Yakob babarima panyin Ruben asefo:
6 Hesronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron;
7 Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan abiɛsa ahanson aduasa (43,730).
8 Na Palu yɛ Eliab babarima,
9 na Eliab mmabarima ne Nemuel, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofo a wɔka Kora akyidifo a wɔyɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtiaa no ho.
10 Na asase mu bue menee wɔne Kora. Ogya fi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifo ahannu aduonum. Na wɔyɛɛ kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne.
11 Nanso Kora ase antɔre.
12 Eyinom ne mmusua a wofi Simeon ase:
13 Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah;
14 Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahannu (22,200).
15 Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Gad asefo:
16 Osnifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni;
17 Arodfo abusua, wɔde too wɔn agya Arod;
18 Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodow yɛ mpem aduanan ne ahannum (40,500).
19 Na Yuda wɔ mmabarima baanu a wɔn din de Er ne Onan a wowuwuu wɔ Kanaan asase so.
20 Yuda asefo mmusua a edidi so yi:
21 Eyinom ne mmusua a wofi Peres ase.
22 Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduɔson asia ne ahannum (76,500).
23 Eyinom ne mmusua a wofi Isakar ase:
24 Yasubfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub;
25 Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahaasa (64,300).
26 Eyinom ne mmusua a wofi Sebulon ase:
27 Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia ne ahannum (60,500).
28 Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua abien fii Yosef mu bae.
29 Manase asefo:
30 Eyinom ne mmusua a wofi Gileadfo ase:
31 Asrielfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel;
32 Semidafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida;
33 Hefer babarima Selofehad annya mmabarima nanso na ɔwɔ mmabea a wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
34 Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodow yɛ mpem aduonum abien ne ahanson (52,700).
35 Eyinom ne mmusua a wofi Efraim ase:
36 Eyinom ne Sutela asefo:
37 Eyinom Efraim mmusua; wɔn dodow yɛ mpem aduasa abien ne ahannum (32,500).
38 Eyinom ne mmusua a wofi Benyamin ase.
39 Sufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam;
40 Eyinom ne mmusua a wofi Belafo mu;
41 Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahansia (45,600).
42 Eyi ne abusua a efi Dan ase.
43 Mmarima a na wɔwɔ saa mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahannan (64,400).
44 Eyinom ne mmusua a wofi Aser ase:
45 Eyinom ne mmusua a wofi Beria ase:
46 Na Aser wɔ ɔbabea bi a ne din de Sera.
47 Mmarima a na wɔyɛ Aser asefo no nyinaa dodow yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).
48 Eyinom ne mmusua a wofi Naftali ase:
49 Yeserfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser;
50 Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahannan (45,400).
51 Nnipa dodow a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa (601,730).
52 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
53 “Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn dodow te.
54 Ma abusua a ɛso no agyapade kɛse na abusua a esua no agyapade ketewa.
55 Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Nea ɛsɛ sɛ kuw biara nya no begyina nʼagyanom abusuakuw din dodow so.
56 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapade no kyekyɛ so wɔ akuw akɛse ne nketewa no mu.”
57 Eyinom ne Lewifo a wɔnam wɔn mmusua so kan wɔn:
58 Eyinom nso yɛ Lewifo mmusua:
59 Bere a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabea a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam.
60 Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
61 Nanso, bere a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wowuwui.
62 Nnipakan no mu no, na Lewifo nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abiɛsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi fi ɔsram kosi mpanyimfo so. Nanso, wɔammu Lewifo no ano anka Israel nnipakan no ho, efisɛ wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuw no, wɔamma Lewifo no bi.
63 Enti sɛnea Mose ne ɔsɔfo Eleasar fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔw a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a na wɔatwa Yeriko ne no.
64 Na saa nnipa yi mu biara nni hɔ a ɔfra wɔn a Mose ne Aaron kan wɔn wɔ Sinai sare so no mu.
65 Efisɛ Awurade ka kyerɛɛ saa Israelfo no se wobewuwu wɔ sare no so. Anka wɔn mu biara, gye Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.