Neemias 7

TWI

1 Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo.

2 Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree.

3 Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.”

4 Saa bere no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afi kakraa bi na na esisi kuropɔn no mu.

5 Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni:

6 Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.

7 Wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana.

8 Abusuafo dodow ni:

9 Sefatia asefo

10 Arah asefo

11 Pahat-Moab (Yesua ne Yoab) asefo

12 Elam asefo

13 Satu asefo

14 Sakai asefo

15 Binui asefo

16 Bebai asefo

17 Asgad asefo

18 Adonikam asefo

19 Bigwai asefo

20 Adin asefo

21 Ater (Hesekia) asefo

22 Hasum asefo

23 Besai asefo

24 Harif asefo

25 Gibeon asefo

26 Mmarima dodow a wofi

27 Anatot

28 Bet-Asmawet

29 Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot

30 Rama ne Geba

31 Mikmas

32 Bet-El ne Ai

33 Nebo

34 Elam

35 Harim

36 Yeriko

37 Lod, Hadid ne Ono

38 Senaa

39 Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae:

40 Imer asefo

41 Pashur asefo

42 Harim asefo

43 Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae:

44 Nnwontofo:

45 Asɔredan Aponanohwɛfo:

46 Asɔredan mu asomfo:

47 Keros, Siaha, Padon asefo,

48 Lebana, Hagaba, Salmai asefo,

49 Hanan, Gidel, Gahar asefo,

50 Reaia, Resin, Nekoda asefo,

51 Gasam, Usa, Paseah asefo,

52 Besai, Meunim, Nefusim asefo,

53 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefo,

54 Baslit, Mehida, Harsa asefo

55 Barkos, Sisera, Tema asefo

56 Nesia ne Hatifa asefo,

57 Ɔhene Salomo asefo asomfo a wofi nnommum mu bae no ni:

58 Yaala, Darkon, Gidel asefo,

59 Sefatia, Hatil,

60 Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no nyinaa, na wɔn dodow yɛ

61 Kuw foforo bi a saa bere yi wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer san baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yiye sɛ, wɔn anaa wɔn asefo no ase fi Israel:

62 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua no ka saa kuw yi ho, na wɔn dodow yɛ

63 Asɔfo baasa a wɔn din de

64 Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo.

65 Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.

66 Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360),

67 a ɛno akyi, asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) ne nnwontofo mmarima ne mmea ahannu aduanan anum (245) ka ho.

68 Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa asia (736), funumpɔnkɔ ahannu ne aduanan anum (245).

69 Yoma ahannan ne aduasa anum (435) ne mfurum mpem asia ahanson ne aduonu (6,720) kaa wɔn ho.

70 Abusua no bi ntuanofo maa dwumadi no ho akyɛde. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem (1,000), sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonum (50) ne asɔfotade ahannum ne aduasa (530).

71 Ntuanofo no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania pɔn mpem abien ne ahanson aduonum de boaa adwuma no.

72 Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason (67).

73 Enti asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne nnipa no bi, ne Israelfo a wɔaka nyinaa bɔɔ atenase wɔ wɔn ankasa nkurow so.

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado