Jeremias 22

TWI

1 Sɛɛ na Awurade se, “Sian kɔ Yudahene ahemfi na kɔpae mu ka saa asɛm yi:

2 ‘Tie Awurade asɛm, Yudahene, wo a wote Dawid ahengua so, wo, wʼakannifo ne wo nkurɔfo a wɔfa apon yi mu.

3 Sɛɛ na Awurade se: Monyɛ nea ɛteɛ na ɛnam kwan mu. Munnye nea wɔabɔ no korɔn mfi ne hyɛsofo nsam. Monnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na munnhwie mogya a edi bem ngu wɔ ha.

4 Sɛ moyɛ ahwɛyie na mudi saa ahyɛde yi so a, ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo ne wɔn nkurɔfo bɛfa saa ahemfi apon yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.

5 Enti sɛ moanni saa nhyehyɛe yi so a, Awurade na ose, “Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfi yi bɛdan ofituw.” ’ ”

6 Nea Awurade ka fa Yudahene ahemfi ho ni:

7 Mɛsoma asɛefo abɛtoa mo,

8 “Nnipa a wofifi aman bebree so betwa mu wɔ kuropɔn yi so, na wobebisabisa wɔn ho wɔn ho se, ‘Adɛn nti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛse yi sɛɛ?’

9 Na mmuae no bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ wɔagyaw Awurade, wɔn Nyankopɔn apam no akɔsɔre anyame afoforo asom wɔn.’ ”

10 Munnsu ɔhene a wafi mu, na munni ne ho awerɛhow;

11 Na sɛɛ na Awurade ka faa Yosia babarima Salum a odii nʼagya ade sɛ Yudahene na wafi ha no ho: “Ɔrensan mma bio.

12 Obewu wɔ faako a wɔafa no nnommum kɔ hɔ; na ɔrenhu saa asase yi bio.”

13 “Nnome nka nea ɔmfa ɔkwan trenee so nsi nʼahemfi,

14 Ɔka se, ‘Mesi ahemfi kɛse ama me ho

15 “Wowɔ sida bebree a

16 Odii mmɔborɔfo ne ahiafo nsɛm maa wɔn,

17 “Mo ani ne mo koma

18 Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho:

19 Wobesie no sɛ afurum,

20 “Monkɔ Lebanon nkosu,

21 Mebɔɔ wo kɔkɔ, bere a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo no,

22 Mframa bɛbɔ wo nguanhwɛfo nyinaa akɔ,

23 Mo a mote Lebanon,

24 “Nokware, sɛ mete ase yi,” Awurade na ose, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛ me nsa nifa so nsɔwano kaa a, anka mɛworɔw wo.

25 Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wusuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafo.

26 Mɛpam wo ne ɛna a ɔwoo wo no akogu ɔman foforo so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, hɔ na mo baanu bewuwu.

27 Morensan mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsan aba so no so bio.”

28 Saa ɔbarima Yehoiakin yi yɛ asɛnka a abɔ

29 Ao, asase, asase, asase!

30 Sɛɛ na Awurade se:

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado