Jeremias 17

TWI

1 “Wɔde dade kyerɛwdua akrukyerɛw Yuda bɔne,

2 Mpo, wɔn mma kae

3 Me mmepɔw a ɛwɔ asase no so,

4 Mo ankasa mfomso nti mobɛhwere

5 Sɛɛ na Awurade se,

6 Ɔbɛyɛ sɛ wura a ɛwɔ nsase tamaa so;

7 “Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so,

8 Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no asu ho

9 Koma yɛ nnaadaa sen ade nyinaa

10 “Me Awurade, mepɛɛpɛɛ koma mu

11 Sɛnea asɛmɛntɛ a osow nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee no,

12 Anuonyam ahengua a wɔama so fi mfiase no,

13 Awurade, woyɛ Israel anidaso,

14 Sa me yare Awurade, na me ho bɛtɔ me;

15 Wobisa me daa sɛ,

16 Minnguan mfii mʼadwuma sɛ wo guanhwɛfo ho;

17 Nhunahuna me;

18 Ma wɔn a wɔtaa me anim ngu ase,

19 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kogyina nnipa no pon a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛmfiri no; kogyina Yerusalem apon a aka no nso ano.

20 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yudafo nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apon yi mu.

21 Sɛɛ na Awurade se: Monhwɛ yiye na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apon mu.

22 Monnsoa adesoa mfi mo afi mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛnea mehyɛɛ mo agyanom no.

23 Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ nteɛso.

24 Nanso sɛ mohwɛ yiye na moyɛ osetie ma me a, sɛɛ na Awurade se, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apon mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a,

25 ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo bɛfa saa apon yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa.

26 Nnipa befi Yuda nkurow ne nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia no aba, wobefi Benyamin asase ne atɔe fam nkoko so, wobefi mmepɔw, mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ, aduan afɔrebɔde, nnuhuam ne aseda afɔrebɔde reba Awurade fi.

27 Nanso sɛ moanyɛ osetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apon mu Homeda a, ɛno de mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apon mu na abɛhyew nʼaban ahorow no.’ ”

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado