Jó 8

TWI

1 Na Suhini Bildad buae se:

2 “Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akosi da bɛn?

3 Onyankopɔn kyea atɛntrenee ana?

4 Bere a wo mma yɛɛ bɔne tiaa no no,

5 Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn so

6 sɛ woyɛ kronkron, na woteɛ a,

7 Wo mfiase bɛyɛ nkakrankakra

8 “Bisa awo ntoatoaso a atwa mu no,

9 na wɔwoo yɛn nkyɛe na yennim hwee,

10 Wɔrenkyerɛkyerɛ wo na wɔrenka nkyerɛ wo ana?

11 So paparɔso betumi anyin akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora?

12 Bere a ɛrenyin a wontwae no,

13 Saa na wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn no awiei te;

14 Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden;

15 Otweri ne ntontan, nanso ɛtetew;

16 Ɔte sɛ afifide a wogugu so nsu yiye a esi owia mu,

17 Ne ntin nyin fa abotan ho,

18 Nanso sɛ wotu fi ne sibea a,

19 Ampa ara ne nkwa twa mu,

20 “Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm

21 Ɔbɛma woaserew bio,

22 Wɔde aniwu befura wɔn a wɔtan wo,

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado