1 “So wunim bere a bepɔw so mmirekyi wowo?
2 So woakan asram dodow a wɔde nyinsɛn?
3 Wɔkotow wowo wɔn mma;
4 Wɔn mma nyin ahoɔden so wɔ wuram;
5 “Hena na ɔma wuram afurum fa ne ho di?
6 Mede asase kesee maa no sɛ ne fi,
7 Ɔserew kurom gyegyeegyeyɛ;
8 Okyinkyin mmepɔw no so sɛ ne didibea
9 “Ɛko bɛpene sɛ ɔbɛsom wo ana?
10 Wubetumi asa no wɔ funtumfiri so ana?
11 Wubetumi de wo ho ato no so esiane nʼahoɔden dodo nti?
12 Wugye di sɛ ɔde wʼaburow bɛba
13 “Sohori bɔ ne ntaban mu anigye so,
14 Ɔtow ne nkesua gu asase so
15 ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛtɛw no,
16 Ɔbɔ ne mma atirimɔden sɛnea wɔnyɛ ne dea;
17 efisɛ Onyankopɔn amma no nyansa
18 Nanso sɛ ɔtrɛw ne ntaban mu tu mmirika a,
19 “Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden
20 Wo na woma no huruw te sɛ mmoadabi,
21 Ɔde ne nan tintim fam dennen, na nʼani gye nʼahoɔden mu,
22 Ɔmmɔ hu, na onsuro biribiara;
23 Bɛmma wosow wɔ ne nkyɛn mu boha mu,
24 Ofi ahopere mu de nʼano sisi fam;
25 Sɛ torobɛnto hyɛn a ɔka se, ‘Wiɛ!’
26 “Wo nyansa na ɛma akoroma tu
27 Wo na wohyɛ ɔkɔre ma no tu kɔ sorosoro
28 Ɔbotan mu na ɔte na ɛhɔ na ɔda;
29 Ɛhɔ na ofi kɔhwehwɛ nʼaduan;
30 Mogya yɛ ne mma aduan,