1 Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, efisɛ na ɔteɛ wɔ ɔno ara ani so.
2 Na Busini Barakel babarima Elihu a ofi Ram abusua mu no bo fuw Hiob yiye sɛ obu ne ho bem na ommu Onyankopɔn mmom bem.
3 Ne bo fuw nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinaso bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wobuu no fɔ.
4 Elihu twɛn sɛ afoforo no bɛkasa akyerɛ Hiob, efisɛ na wɔanyinyin sen no.
5 Na ohuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuw no sɔree.
6 Enti Busini Barakel babarima Elihu kae se,
7 Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kasa;
8 Nanso honhom a ɛte onipa mu,
9 Ɛnyɛ mpanyimfo nko na wɔyɛ anyansafo,
10 “Enti mise: Muntie me;
11 Metwɛn wɔ bere a na morekasa,
12 meyɛɛ aso maa mo pa ara,
13 Monnka se, ‘Yɛahu nyansa;
14 Nanso Hiob nkasa ntia me,
15 “Wɔn ho adwiriw wɔn, wonni hwee ka bio;
16 So ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ bere a wɔayɛ komm yi,
17 Me nso mɛka bi
18 Efisɛ nsɛm ahyɛ mʼanom ma,
19 Me mu no, mete sɛ nsa a ɛhyɛ toa mu
20 Ɛsɛ sɛ mekasa na me ho tɔ me;
21 Merenyɛ nhwɛanim
22 na sɛ makwadaw adɛfɛdɛfɛ mu a,