Jó 3

TWI

1 Akyiri no Hiob kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no.

2 Ɔkae se,

3 “Ma da a wɔwoo me no nyera,

4 Saa da no nnuru sum;

5 Ma sum ne owusum nnye no mfa;

6 Ma sum kabii nnye saa anadwo no mfa;

7 Saa anadwo no nyɛ obonin;

8 Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa da no;

9 Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum;

10 efisɛ anto nea ɔwoo me no awotwaa mu ama wawo me

11 “Adɛn nti na manwu awoe hɔ,

12 Adɛn nti na nkotodwe gyee me

13 Anka sesɛɛ meda hɔ asomdwoe mu;

14 me ne wiase ahemfo ne fotufo,

15 me ne ahenemma a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ,

16 Anaasɛ adɛn nti na wɔansie me sɛ ɔpɔnba,

17 Ɛhɔ na amumɔyɛfo gyae basabasayɛ,

18 Nneduafo nso nya wɔn ahofadi;

19 Nketewa ne akɛse wɔ hɔ,

20 “Adɛn nti na wɔma mmɔborɔfo hann,

21 wɔn a wɔn kɔn dɔ owu nanso ɛmma,

22 wɔn a anigye ahyɛ wɔn ma

23 Adɛn nti na wɔde nkwa ma onipa a

24 Ahomekokogu adan mʼaduan;

25 Nea na misuro no aba me so;

26 Minni ahotɔ, minni asomdwoe;

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado