1 Afe a ɔhene Usia wui mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte ahengua a ɛkorɔn na wapagyaw so na nʼatade mmuano ayɛ hyiadan mu hɔ ma.
2 Na Serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban asia wɔ nʼatifi. Wɔde ntaban no abien kata wɔn anim, na wɔde abien nso kata wɔn nan ho na wɔde abien nso tu.
3 Na obiara teɛ mu kyerɛ ne yɔnko se,
4 Wɔn nne nnyigyei maa apon ne abobow ano wosowee, na wusiw yɛɛ hyiadan mu hɔ ma.
5 Meteɛɛ mu kae se, “Minnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho ntew, na mete nnipa a wɔn ano ho ntew mu, na mʼani ahu Ɔhene, Awurade Asafo no yi.”
6 Na Serafim no mu baako a okura nnyansramma, a ɔde ɔdaban kɔfa fii afɔremuka no so tu baa me nkyɛn.
7 Ɔde eyi kaa mʼano kae se, “Hwɛ, eyi aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdi na wɔatua wo bɔne so ka.”
8 Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa se, “Hena na mensoma no? Na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?”
9 Na ɔkae se, “Kɔ na kɔka kyerɛ saa nkurɔfo yi se,
10 Efisɛ mo, moapirim mo koma;
11 Na mekae se, “Enkosi da bɛn, Awurade?”
12 enkosi sɛ, Awurade bɛpam obiara akɔ akyirikyiri
13 Mpo, sɛ nkyɛmu du mu baako ka asase no so a