1 Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no.
2 Mmom, mmere a edi akyiri no de, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de.
3 Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.
4 Ɛno nti ɔyɛɛ ɔkɛse sen abɔfo no, efisɛ din a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no.
5 Efisɛ Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se,
6 Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se,
7 Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ,
8 Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se,
9 Wodɔ trenee, na wukyi bɔne,
10 Onyankopɔn san kae se,
11 Ne nyinaa betwa mu; na wo de, wobɛtena hɔ daa;
12 Wɔbɛbobɔw no sɛ ntama;
13 Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se,
14 Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.