1 Yakob frɛɛ ne mmabarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummetwa me ho nhyia, na menka mo nea ɛbɛba mo so daakye.
2 “Yakob mmabarima, mommoaboa mo ho ano, na muntie;
3 “Ruben, wo na woyɛ mʼabakan.
4 Woyɛ kitikiti sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio,
5 “Simeon ne Lewi yɛ anuanom.
6 Mma me nkɔka wɔn agyinatu ho,
7 Nnome nka wɔn abufuw, efisɛ ano yɛ den,
8 “Yuda, wo nuabarimanom beyi wo ayɛ.
9 Yuda, woyɛ gyata ba a
10 Ahempema remfi Yuda nsam,
11 Ɔbɛsa nʼafurum wɔ bobe dua mu.
12 Nʼaniwa aba bebiri asen bobesa.
13 “Sebulon bɛtena mpoano.
14 “Isakar yɛ afurum hoɔdenfo a
15 Sɛ ohu sɛnea nʼahomegyebea ye fa,
16 “Dan bebu ne manfo atɛn
17 Dan bɛyɛ sɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn;
18 “Awurade, wo nkwagye na meretwɛn.
19 “Nnipa bɔnefo bɛtow ahyɛ Gad so,
20 “Aser aduan a odi no bɛyɛ aduan pa.
21 “Naftali te sɛ ɔforote a wɔagyaa no a
22 “Yosef yɛ ngodua a ɛsow aba,
23 Agyantowfo kaa no hyɛe,
24 Nanso ne bɛma no gyinaa pintinn,
25 esiane Onyankopɔn a wʼagya som no a ɔboa wo no;
26 Wʼagya nhyira a wɔahyira no no
27 “Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam;
28 Eyi ne nhyira a Israel mmusuakuw dumien no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛnea ɛfata no.
29 Yakob rebewu no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn se, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanyimfo ho. Sɛ miwu a, munsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuw a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no mu.
30 Ɛno ne ɔboda ne afuw a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no fii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusiei.
31 Saa ɔboda no mu na wosiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wosiee Isak ne ne yere Rebeka, na misiee Lea nso.
32 Me nena Abraham tɔɔ afuw no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa fii Hetifo no nkyɛn.”
33 Bere a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wiee no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wui. Wokosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn.