1 Eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefo.
2 Esau waree Kanaanfo mmea baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babea, Ana babea Oholibama a ɔsan yɛ Hewini Sibeon nena ne
3 Basmat a ɔyɛ Ismael babea na ɔyɛ Nebaiot nuabea.
4 Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel.
5 Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmabarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.
6 Esau faa ne yerenom, ne mmabarima, ne mmabea, ne fifo nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapade biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu fii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so wɔ akyirikyiri.
7 Efisɛ na wɔn ahonyade no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob betumi atena faako. Na wɔn mmoa dodow nti, wɔn baanu no nsen asase a wɔte so no so.
8 Ɛno nti, Esau a wɔfrɛ no Edom no, kɔbɔɔ nʼatenae wɔ Seir bepɔw so.
9 Eyinom ne Esau a ɔyɛ Edomfo agya no asefo a wɔwoo wɔn maa no bere a na ɔwɔ Seir bepɔw so no.
10 Esau mmabarima no din na edidi so yi:
11 Elifas nso mmabarima din na edidi so yi:
12 Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nenanom.
13 Reuel mmabarima din na edidi so yi:
14 Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea, na ɔsan yɛ Sibeon nena no mmabarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne eyinom:
15 Eyinom ne Esau asefo no mu atitiriw:
16 Kora, Gatam ne Amalek. Saa din a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefo atitiriw a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitiriw yi yɛ Ada nenanom.
17 Esau babarima Reuel mmabarima din na edidi so yi:
18 Esau yere Oholibama mmabarima din na edidi so yi:
19 Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmabarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitiriw no.
20 Eyinom ne Horini Seir mmabarima a na saa bere no wɔtete Seir asase so no:
21 Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmabarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitiriw no.
22 Lotan mmabarima ne eyinom:
23 Sobal nso mmabarima ne eyinom:
24 Na eyinom ne Sibeon mmabarima:
25 Ana mma ni:
26 Disan mmabarima ni:
27 Eser mmabarima ne eyinom:
28 Eyinom ne Disan mma:
29 Eyinom ne Horifo nnipa atitiriw:
30 Disan, Eser ne Disan.
31 Eyinom ne nnipa a wodii kan dii hene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebedi Israelmma so hene:
32 Bela a ɔyɛ Beor babarima bedii hene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkurow din de Dinhaba.
33 Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.
34 Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.
35 Husam wu akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.
36 Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
37 Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.
38 Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.
39 Akbor babarima Baal-Hanan nso wui no, Hadad bedii nʼade, tenaa nʼahengua so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkurow no din de Pau, na ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Me-Sahab babea a ɔno nso yɛ Matred babea.
40 Sɛnea wɔn a wodidi so yi a wɔyɛ Esau asefo no mmusua ne wɔn tenabea te ni:
41 Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,
42 Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,
43 Magdiel abusua ne Iram abusua.