Ezequiel 30

TWI

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

3 Na da no abɛn,

4 Afoa bi bɛsɔre atia Misraim,

5 Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ afoa ano.

6 “ ‘Sɛɛ na Awurade se:

7 Wɔbɛdeda mpan

8 Afei wobehu sɛ mene Awurade no,

9 “ ‘Saa da no, asomafo de ahyɛn befi me nkyɛn akohunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyeraw no wɔ Misraim atemmuda no, na ampa ara ɛbɛba mu.

10 “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

11 Ɔno ne nʼasraafo; amanaman no mu anuɔdenfo,

12 Mɛma Nil mu nsu ayow

13 “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

14 Mɛsɛe Misraim Atifi,

15 Mehwie mʼabufuwhyew agu Pɛlusum so,

16 Mɛto Misraim mu gya;

17 Heliopolis ne Bubastis mmerante

18 Sum kabii beduru Tapanhes, da no

19 Ɛno nti mɛtwe Misraim aso,

20 Afe a ɛto so dubaako no, ɔsram a edi kan no da a ɛto so ason no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

21 “Onipa ba, mabu Misraimhene Farao basa mu. Wɔnkyekyeree, na atoa bio; na wɔmfa nhyɛɛ ntama bamma mu na anya ahoɔden a ɔde beso afoa mu.

22 Ɛno nti, Otumfo Awurade na ose: Mene Misraimhene Farao anya; mebubu nʼabasa abien no mu; basa a eye ne nea mu abu no, na mama afoa afi ne nsam atɔ fam.

23 Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so.

24 Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼafoa ahyɛ ne nsa, nanso Farao de, mebu nʼabasa mu, na wasi apini wɔ nʼanim sɛ obi a wapira opirabɔne.

25 Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bedwudwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼafoa hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wobehu sɛ mene Awurade no.

26 Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade no.”

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado