1 Na Mose ne Israelfo no too saa dwom yi de kamfoo Awurade:
2 “Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom
3 Awurade yɛ ɔkofo;
4 Farao nteaseɛnam ne nʼakofo, watow wɔn agu po mu.
5 Nsu akata wɔn so.
6 Wo nsa nifa, Awurade,
7 “Wo tumi kɛse no mu
8 Wugu ahome a,
9 Ɔtamfo kae se,
10 Nanso Onyankopɔn bɔɔ ne mframa
11 Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu?
12 “Woteɛɛ wo nsa nifa
13 Woadi nnipa a wugyee wɔn no anim.
14 Amanaman bɛte ama wɔn ho apopo.
15 Edom mpanyimfo besuro.
16 Ehu ne suro bɛtɔ wɔn so.
17 Wode wɔn bɛba abedua wɔn
18 “Awurade bedi hene
19 Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafo ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa po no mu; nanso Awurade buu nsu afasu no guu wɔn so bere a na Israelfo no nam mu sɛ asase wosee so.
20 Ɛhɔ na Odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron nuabea faa akyene bi bɔ de dii mmea no anim ma wɔsawee.
21 Ɛnna Miriam too saa dwom yi:
22 Afei, Mose dii Israelfo no anim ne wɔn tu fii Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur sare so. Na wɔnantew sare no so nnansa a wɔannya nsu annom.
23 Woduu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsu, efisɛ na ɛyɛ nwene. Ɛno nti na wɔfrɛ hɔ Mara no; ase ne: Nweenwen.
24 Enti nnipa no nwiinwii tiaa Mose sɛ, “Dɛn na yɛnnom?”
25 Mose srɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dubaa bi. Na ɔtow too nsu no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wotumi nomee.
26 “Sɛ mubetie Awurade mo Nyankopɔn nne, na moayɛ osetie ayɛ ade trenee de a, ɔyare a mema ɛbɔɔ Misraimfo no, meremma bi mmɔ mo, efisɛ mene Awurade a mesa mo nyarewa.”
27 Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ, nti wosisii wɔn ntamadan, tenaa mmura no ho.