1 Mahu bɔne foforo bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yiye:
2 Onyankopɔn ma onipa ahonyade, adenya ne anuonyam sɛnea biribiara a ne koma pɛ no ɛremmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔho mmom na ɔde gye nʼani. Eyi yɛ ahuhude, ɔhaw a ɛyɛ yaw.
3 Onipa betumi anya mma ɔha na wanyin akyɛ; nanso ne mfe dodow yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba so wɔ mfaso sen no.
4 Ne ba no yɛ ade hunu, sum mu na ɔkɔ, na sum akata ne din so.
5 Ɛwɔ mu sɛ wanhu owia na onnim hwee de, nanso obenya ahomegye bebree sen nea saa ɔbarima no benya,
6 mpo sɛ ɔtena ase mfe apem mmɔho na wamfa nʼahonyade annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako ana?
7 Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia,
8 Na dɛn na onyansafo wɔ de sen ɔkwasea?
9 Nea aniwa hu no
10 Nea ɛwɔ hɔ biara, wɔato din dedaw,
11 Nsɛm dɔɔso a,
12 Na hena na onim nea eye ma onipa wɔ ne nkwanna kakraa bi a ɛyɛ ahuhude na ɔfa mu kɔ sɛ sunsuma no mu? Hena na obetumi aka nea ebesi wɔ owia yi ase akyerɛ no bere a ɔkɔ no?