1 Saulo wu akyi no, Dawid san fii nkonim a odii Amalekfo so no mu bɛtenaa Siklag nnaanu.
2 Ne nnansa so no, ɔbarima bi fi Saulo nsraban mu a watetew ne ntade mu, atu mfutuma agu ne ti mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo bae. Oduu Dawid nkyɛn no, ɔdan ne ho hwee fam nidi mu.
3 Dawid bisaa no se, “Ɛhe na wufi?”
4 Dawid bisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kosii dɛn?”
5 Enti Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ no saa amanneɛ no se, “Ɛyɛɛ dɛn na wuhuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?”
6 Aberante no buae se, “Mikofii Gilboa bepɔw so, na mekɔtoo sɛ Saulo sɛn ne peaw so a atamfo no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefo mmɛn no ara.
7 Ɔdan ne ho a ohuu me no, ɔteɛɛ mu frɛɛ me se memmra. Mibisaa no se, ‘Menyɛ dɛn?’
8 “Obisaa me se, ‘Wo ne hena?’
9 “Na ɔsrɛɛ me se, ‘Begyina me so na kum me, na me ho yeraw me yiye, na mepɛ sɛ me wu.’
10 “Enti migyinaa ne so kum no, efisɛ na minim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na mituu nʼahenkyɛw a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so atweaban no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”
11 Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhow sunsuan wɔn ntade mu.
12 Wotwaa ho agyaadwo, sui, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wu ne Awurade asraafo ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no.
13 Na Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amanneɛ no se, “Wufi he?”
14 Dawid bisaa no se, “Na wunsuro sɛ wukum obi a Awurade asra no no?”
15 Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako se, “Kum no!” Enti ɔbarima no twee nʼafoa de wɔɔ Amalekni no, kum no.
16 Na Dawid kae se, “Wʼano ayi mmusu ama wo ama woawu, efisɛ wo ara na wokae se woakum obi a Awurade asra no no.”
17 Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan.
18 Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no din sɛ agyan dwom a wɔakyerɛw wɔ Yasar Nhoma mu.
19 “Wʼanuonyam ne wʼahosɛpɛw, Israel, awu da mmepɔw so!
20 “Monnka asɛm yi wɔ Gat,
21 “Gilboa mmepɔw,
22 “Saulo ne Yonatan kunkum wɔn atamfo ahoɔdenfo!
23 Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn
24 “Israel mmabea,
25 “Akofo akɛse atotɔ akono.
26 Misu wo, me nua Yonatan!
27 “Hwɛ sɛnea akofo akɛse atotɔ!