1 Na Isakar mmabarima baanan no din de
2 Tola mmabarima no ne:
3 Na Usi babarima din de:
4 Mmarima dodow a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduasa asia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmabarima yɛ bebree.
5 Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wofi Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduɔwɔtwe ason (87,000). Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din nnidiso nnidiso guu wɔn anato krataa mu.
6 Na Benyamin mmabarima baasa no din de:
7 Na Bela mmabarima yɛ:
8 Na Beker mmabarima din de:
9 Sɛnea na wɔn anato kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofo akyi no, wɔn asefo mpem aduonu ne ahannu (20,200) wɔ hɔ a wotumi yɛ asraafo.
10 Na Yediael babarima ne:
11 Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofo a wɔn asefo a na wɔka wɔn ho a wotumi yɛ asraafo no dodow yɛ mpem dunson ne ahannu (17,200).
12 Na Ir mmabarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim.
13 Na Naftali mmabarima yɛ:
14 Manase mmabarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead.
15 Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabea se Maaka. Na Makir asefo no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmabea nko ara.
16 Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no din Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmabarima din de Ulam ne Rekem.
17 Na Ulam babarima din de:
18 Makir nuabea Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla.
19 Na Semida mmabarima yɛ:
20 Efraim asefo ne:
21 Sabad ne Sutela.
22 Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛe yiye, na nʼabusuafo bɛkyekyee ne werɛ.
23 Ɛno akyi no, Efraim kɔɔ ne yere ho, na onyinsɛn woo ɔbabarima. Efraim too no din Beria esiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafo faa mu no nti.
24 Efraim woo ɔbabea too no din Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkurow Bet-Horon Anafo, Atifi ne Usen-Seera.
25 Efraim asefo nnidiso ne Refa, Resef, Tela, Tahan,
26 Ladan, Amihud, Elisama,
27 Nun ne Yosua.
28 Efraim asefo no tenaa asase Bet-El ne ne nkurow a atwa afa anafo fam, Naaran a ɛda apuei fam, Geser ne ne nkuraa a ɛda atɔe fam ne Sekem ne ne nkuraa a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kosi Aya a nkuraa ka ho no so.
29 Manase hye so no, na nkurow a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefo tenaa saa nkurow yi so.
30 Na Aser mmabarima yɛ:
31 Na Beria mmabarima din de:
32 Na Heber mmabarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sua.
33 Na Yaflet mmabarima din de:
34 Na Semer mmabarima din de:
35 Na ne nuabarima Helem mmabarima din de:
36 Na Sofa mmabarima din de:
37 Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera.
38 Na Yeter mmabarima din de:
39 Na Ula mmabarima din de:
40 Na Aser asefo no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua panyin. Na wɔn nyinaa yɛ akofo pa ne ntuanofo a wodi mu. Na mmarima mpem aduonu asia (26,000) na wɔwɔ hɔ a wɔakyerɛw wɔn din agu wɔn anato nhoma mu a wotumi yɛ asraafo.