1 Crônicas 26

TWI

1 Eyinom ne apon ano ahwɛfo no akuwakuw:

2 Meselemia mmabarima yɛ:

3 Elam a ɔto so anum, Yehohanan a ɔto so asia,

4 Na Obed-Edom mmabarima nso a wɔyɛ apon ano ahwɛfo yɛ:

5 Amiel a ɔto so asia,

6 Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmabarima a wotumi ade yɛ yiye nti, wonyaa dibea a ekura tumi wɔ abusua no mu.

7 Na wɔn din ne:

8 Obed-Edom asefo yi nyinaa a wɔn mmabarima ne wɔn nenanom a na wɔn nyinaa dodow yɛ aduosia abien (62) no yɛ nnipa a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yiye na wɔn nnwuma fata wɔn.

9 Saa ara nso na na Meselemia mmabarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafo nso bɔ wɔn ho mmɔden yiye.

10 Hosa a ofi Merari abusua mu mma ne: Simri na odi kan (na ɔnyɛ abakan de, nanso nʼagya paw no sɛ ntuanoni wɔ ne mmabarima mu).

11 Na ne mmabarima no bi ne:

12 Saa apon ano hwɛfo akuw yi nam wɔn mmusua ntuanofo so som wɔ Awurade fi, sɛnea wɔn abusuafo yɛe no.

13 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apon ahorow ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirihyia a obi adi, anaa ntetewee a wanya so.

14 Wɔde apuei pon ho dwumadi no hyɛɛ Meslemia ne ne kuw nsa.

15 Anafo pon no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmabarima no hwɛɛ adekoradan no so.

16 Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔe pon no ne ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so.

17 Da biara, na wɔma Lewifo baasia kɔ apuei pon no ho,

18 Da biara, na wɔma baasia kɔ atɔe pon no ho. Baanan kɔ ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adiwo hɔ.

19 Eyinom ne apon ano ahwɛfo a wofi Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.

20 Lewifo a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fi sikakorabea ne adekoradan so.

21 Libni fi a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na otua wɔn ano.

22 Yehieli mmabarima Setam ne ne nuabarima Yoel na na wɔhwɛ Awurade fi sikakorabea so.

23 Eyinom ne ntuanofo a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefo.

24 Amram abusua mu, Sebuel yɛ Mose babarima Gersom aseni. Ɔno na na ɔyɛ ɔpanyin a ɔhwɛ sikakorabea no so.

25 Wɔn a wɔnam Elieser so yɛ nʼabusuafo ne Rehabia, Yesaia, Yoram, Sikri ne Selomot.

26 Selomot ne nʼabusuafo na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapade a wɔde ama Awurade no so. Agyapade no bi ne nea Dawid ne mmusua ntuanofo ne asahene ne asraafo mpanyimfo de maa Awurade no.

27 Na saa mmarima yi de wɔn asade a wonyaa wɔ akodi mu no bi bae sɛ wɔmfa nsiesie Awurade fi.

28 Afei, na Selomot ne nʼabusuafo na wɔhwɛ nneɛma a Samuel a ɔyɛ odiyifo, Kis babarima Saulo, Ner babarima Abner ne Seruia babarima Yoab de maa Awurade no so. Nneɛma nkae a wɔde maa Awurade no nyinaa, na ɛhyɛ wɔn nsa.

29 Yishar abusua mu na Kenania fi.

30 Hebron abusua mu na Hasabia fi. Ɔne nʼabusuafo a wɔyɛ mmɔdemmɔfo a wɔn dodow yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔe fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde.

31 Bio, Hebron abusua mu na Yeria fi. Sɛnea awo ntoatoaso nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfo no ntuanoni.

32 Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem abien ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apuei fam, maa wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde.)

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado